士师记 4 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 4:1-24

士师底波拉

1以笏死后,以色列人又做耶和华视为恶的事。 2耶和华把他们交在统治夏琐迦南耶宾手中。耶宾王的将军叫西西拉,住在夏罗设3耶宾王拥有九百辆铁战车,他残暴地压迫以色列人二十年。以色列人向耶和华呼求。

4当时做士师的是一位名叫底波拉的女先知,她是拉比多的妻子, 5经常坐在以法莲山区拉玛伯特利之间的底波拉棕树下,审理以色列人的事情。 6她派人去拿弗他利基低斯召来亚比挪庵的儿子巴拉,对他说:“以色列的上帝耶和华命你率领一万拿弗他利人和西布伦人上他泊山。 7祂必使耶宾的将军西西拉率领全军和战车到基顺河与你交战,祂必把西西拉交在你手中。” 8巴拉回答说:“你跟我去,我就去;你不跟我去,我就不去。” 9底波拉说:“好,我一定与你同去。不过,你这次出征一定得不到荣耀,因为耶和华要把西西拉交在一名妇人手上。”于是,他们一同前往基低斯10巴拉招聚了一万名拿弗他利人和西布伦人,底波拉与他一起出征。

11摩西的岳父何巴的后人基尼希百离开自己的族人,在基低斯附近撒拿音的橡树旁搭帐篷居住。

12西西拉得知亚比挪庵的儿子巴拉已经上了他泊山, 13便召集全军和九百辆铁战车离开夏罗设,向基顺河进军。 14底波拉巴拉说:“出击吧!今天耶和华要把西西拉交在你手中。看啊,耶和华已经率先出战了!”于是,巴拉率领一万人下了他泊山, 15进攻西西拉。耶和华使西西拉的战车和军队惊慌失措,败在巴拉刀下。西西拉弃车徒步逃跑, 16巴拉追击他的战车和军队,直到夏罗设西西拉全军都死于刀下,无一幸免。

17只有西西拉一人徒步逃到基尼希百的妻子雅亿的帐篷,因为耶宾王和希百家向来友好。 18雅亿出来迎接西西拉,对他说:“我主,请进,不用怕!”西西拉便走进帐篷,雅亿为他盖上毯子。 19西西拉说:“我口渴,请给我一点水吧。”雅亿打开皮袋给他奶喝,然后又给他盖上毯子。 20西西拉又说:“请你守着门口,倘若有人查问,你就说没人来过这里。” 21西西拉因疲劳过度,沉沉入睡。雅亿乘机拿起锤子和一根帐篷的橛子,悄悄地走到他身旁,把橛子钉进他的太阳穴,直插到地里。西西拉就这样死了。 22巴拉追来了,雅亿出来迎接他,对他说:“你找的人在这里,进来看看吧。”巴拉和她进了帐篷,见西西拉死在那里,太阳穴上还插着橛子。

23那天,上帝使以色列人战胜了迦南耶宾24以色列人越战越勇,最终消灭了耶宾王。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 4:1-24

Debora Bɛyɛ Israel So Otemmufo

1Ehud wu akyi no, Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. 2Enti Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na odi ade wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a otua nʼakofo ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. 3Na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na ɔde atirimɔden hyɛɛ Israelfo no so mfirihyia aduonu. Afei Israelfo no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

4Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifobea na ɔbɛyɛɛ Israelfo temmufo. 5Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔ ma odi wɔn nsɛm. 6Da bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofo mpem du ano fi Naftali ne Sebulon mmusuakuw mu wɔ Tabor bepɔw so hɔ. 7Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

8Barak ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me bɛkɔ de a, mɛkɔ!”

9Debora buaa no se, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya anuonyam biara wɔ dwumadi yi mu, efisɛ Awurade nkonimdi wɔ Sisera so no befi ɔbea nsam.” Enti Debora ne Barak kɔɔ Kedes. 10Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuw ne Naftali abusuakuw mu nnipa nyinaa, na akofo mpem du ne no kɔe. Debora nso kaa wɔn ho kɔe.

11Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo4.11 Efi Mose bere so na Kenifo ne Israelfo yɛ baako (2 Mose 3.1). Bere a wodi Kanaanfo so no, wɔne Israelfo na wɔko tiaa wɔn (2 Ah 1.6). a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefo no ho, akosi ne ntamadan wɔ dua kɛse bi a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.

12Bere a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so no, 13ɔboaboaa ne nnade nteaseɛnam ahankron ano ne nʼakofo nyinaa, na wotu sen fii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.

14Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Nnɛ ne da a Awurade de Sisera so nkonimdi bɛma wo, efisɛ, Awurade atu ɔsa adi wʼanim.” Enti Barak dii nʼakofo mpem du anim sian Tabor bepɔw no kɔkoe. 15Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.

16Barak nteaseɛnam ne ɔtamfo no nsraadɔm no ara kosii Haroset-Hagoyim, kunkum Sisera akofo no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. 17Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.

18Yael fii adi kohyiaa Sisera ka kyerɛɛ no se, “Owura, bra me ntamadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ntamadan no mu ma ɔde nnaso kataa ne so.

19Sisera ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, osukɔm de me nti ma me nsu.” Enti ɔmaa no nufusu sɛ ɔnnom, na ɔsan kataa ne so.

20Sisera ka kyerɛɛ no se, “Gyina ntamadan no ano na sɛ obi bebisa wo se obi wɔ ha a, ka se dabi.”

21Nanso ɔbrɛ nti, Sisera faa mu dae. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde asae ne pɛe na ɛkɔe. Ɔde pɛe no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kosii sɛ ehwirew ne moma mu sii fam ma owui.

22Bere a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue behyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti, odii nʼakyi kɔɔ ntamadan no mu kohuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛe si ne moma so.

23Da no na Israel huu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. 24Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kosii sɛ akyiri no, wɔsɛee no.