历代志上 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 7:1-40

以萨迦的后裔

1以萨迦的四个儿子是陀拉普瓦雅述伸仑2陀拉的儿子是乌西利法雅耶勒雅买易伯散示姆利,他们都是陀拉宗族的族长。在大卫执政年间,陀拉家共有两万二千六百个英勇的战士。 3乌西的儿子是伊斯拉希伊斯拉希的儿子是米迦勒俄巴底亚约珥伊示雅,他们五人都是族长。 4他们妻儿众多,因此各宗族中可以出征作战的共有三万六千人。 5按家谱的记载,以萨迦支派的各族中共有八万七千个英勇的战士。

便雅悯的后裔

6便雅悯的三个儿子是比拉比结耶叠7比拉的五个儿子是以斯本乌西乌薛耶利摩以利,他们都是族长,是英勇的战士。按家谱记载,他们宗族共有两万二千零三十四个战士。 8比结的儿子是细米拉约阿施以利以谢以利约乃暗利耶利摩亚比雅亚拿突亚拉篾9比结的儿子都是族长。按家谱的记载,他们宗族共有两万零二百个英勇的战士。 10耶叠的儿子是比勒罕比勒罕的儿子是耶乌斯便雅悯以忽基拿拿细坦他施亚希沙哈11这些耶叠的儿子都是族长,宗族中可以英勇作战的共一万七千二百人。 12以珥的儿子是书品户品亚黑的儿子是户伸

拿弗他利的后裔

13拿弗他利的儿子是雅薛沽尼耶色沙龙。他们都是辟拉的后代。

玛拿西的后裔

14玛拿西的妾是亚兰人,她给玛拿西生的儿子是亚斯列,另外还生了基列的父亲玛吉15玛吉娶了户品书品的妹妹玛迦玛拿西的次子名叫西罗非哈西罗非哈只有几个女儿。 16玛吉的妻子玛迦生了一个儿子,给他取名叫毗利施毗利施的兄弟名叫示利施示利施的儿子是乌兰利金17乌兰的儿子是比但。这些都是基列的子孙。基列玛吉的儿子,玛吉玛拿西的儿子。 18基列的妹妹哈摩利吉生了伊施何亚比以谢玛拉19示米大的儿子是亚现示剑利克希阿尼安

以法莲的后裔

20以法莲的后代有书提拉书提拉的儿子是比列比列的儿子是他哈他哈的儿子是以拉大以拉大的儿子是他哈21他哈的儿子是撒拔撒拔的儿子是书提拉以法莲的另外两个儿子以谢以列因为偷迦特人的牲畜而被当地人杀死了。 22他们的父亲以法莲为他们悲伤了多日,亲戚都来安慰他。 23后来,以法莲与妻子同房,妻子怀孕,生了一个儿子。以法莲因家里遭遇不幸,就给孩子取名叫比利亚7:23 比利亚”意思是“不幸”。24以法莲有一个女儿叫舍伊拉,她建了上伯·和仑、下伯·和仑乌羡·舍伊拉25比利亚的儿子是利法利悉利悉的儿子是他拉他拉的儿子是他罕26他罕的儿子是拉但拉但的儿子是亚米忽亚米忽的儿子是以利沙玛27以利沙玛的儿子是的儿子是约书亚28以法莲人的地业和住处包括伯特利及其四围的村庄、东部的拿兰、西部的基色及其四围的村庄、示剑及其四围的村庄,远至迦萨及其四围的村庄。 29玛拿西人的地业包括伯·善他纳米吉多多珥以及它们四围的村庄。这些是以色列之子约瑟的后代居住的地方。

亚设的后裔

30亚设的儿子是音拿亦施瓦亦施韦比利亚,女儿是西拉31比利亚的儿子是希别玛结玛结的儿子是比撒威32希别的儿子是雅弗勒朔默何坦,女儿是书雅33雅弗勒的儿子是巴萨宾哈亚施法。这三人是雅弗勒的儿子。 34朔默的儿子是亚希罗迦耶户巴亚兰35朔默的兄弟希连的儿子是琐法音那示利斯亚抹36琐法的儿子是书亚哈尼弗书阿勒比利音拉37比悉河得珊玛施沙益兰比拉38益帖的儿子是耶孚尼毗斯巴亚拉39乌拉的儿子是亚拉汉尼业利谢40这些都是亚设的后代。他们都是族长,是英勇的战士和杰出的首领。按照家谱的记载,他们宗族中可以出征作战的共有两万六千人。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 7:1-40

Isakar Asefo

1Na Isakar mmabarima baanan no din de

Tola, Pua, Yasub ne Simron.

2Tola mmabarima no ne:

Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600).

3Na Usi babarima din de:

Yisrahia.

Na Yisrahia mmabarima din de:

Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. 4Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.

5Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason (87,000). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.

Benyamin Asefo

6Na Benyamin mmabarima baasa no din de:

Bela. Beker ne Yediael.

7Na Bela mmabarima yɛ:

Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.

8Na Beker mmabarima din de:

Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. 9Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.

10Na Yediael babarima ne:

Bilhan.

Na Bilhan mmabarima ne:

Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. 11Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200).

12Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.

Naftali Asefo

13Na Naftali mmabarima yɛ:

Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.

Manase Asefo

14Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead. 15Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara. 16Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.

17Na Ulam babarima din de:

Bedan.

Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.

18Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.

19Na Semida mmabarima yɛ:

Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.

Efraim Asefo

20Efraim asefo ne:

Sutela, Bered, Tahat, Elada,

Tahat, 21Sabad ne Sutela.

Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no. 22Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ. 23Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti. 24Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.

25Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,

26Ladan, Amihud, Elisama, 27Nun ne Yosua.

28Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so. 29Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.

Aser Asefo

30Na Aser mmabarima yɛ:

Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.

31Na Beria mmabarima din de:

Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.

32Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.

33Na Yaflet mmabarima din de:

Pasak, Bimhal ne Aswat.

34Na Semer mmabarima din de:

Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.

35Na ne nuabarima Helem mmabarima din de:

Sofa, Yimna, Seles ne Amal.

36Na Sofa mmabarima din de:

Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra, 37Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.

38Na Yeter mmabarima din de:

Yefune, Pispa ne Ara.

39Na Ula mmabarima din de:

Arah, Haniel ne Risia.

40Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.