列王纪下 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪下 1:1-18

耶和华责备亚哈谢

1亚哈死后,摩押背叛以色列2一天,亚哈谢撒玛利亚王宫的楼台上掉下来,受了伤,就派使者去求问以革伦的神明巴力·西卜,看自己能否痊愈。 3耶和华的天使对提斯比以利亚说:“你去截住撒玛利亚王的使者,对他们说,‘你们为什么去求问以革伦的神明巴力·西卜?难道以色列没有上帝吗?’ 4因此耶和华说,‘亚哈谢再也不能下床了,他必定死。’”以利亚就去了。

5以利亚将天使的话告诉王的使者后,他们便回去见王。王问他们:“你们为什么这么快就回来了?” 6他们答道:“有一个人在路上截住我们,要我们回来告诉你,耶和华对你说,‘你差人去求问以革伦的神明巴力·西卜,是因为以色列没有上帝吗?因此,你再也不能下床了,你必定死。’” 7王又问他们:“在路上截住你们、对你们说这些话的,是什么样的人?” 8他们答道:“那人身穿毛皮衣服,腰束皮带。”王说:“他是提斯比以利亚。”

9于是,王派一个五十夫长率领五十人去找以利亚。那时,以利亚正坐在山顶上。五十夫长到了那里,对他说:“上帝的仆人啊,王命令你下来。” 10以利亚说:“我若是上帝的仆人,愿火从天降下烧死你和你的五十个部下。”火立刻从天降下,烧死了五十夫长和他的五十个部下。 11亚哈谢王又派一个五十夫长率领五十人去以利亚那里,五十夫长对以利亚说:“上帝的仆人啊,王命令你马上下来。” 12以利亚说:“我若是上帝的仆人,愿火从天降下,烧死你和你的五十个部下。”上帝的火从天降下,烧死了五十夫长和他的五十个部下。

13王再次派一个五十夫长率领五十人前去。五十夫长上去,双膝跪在以利亚面前,哀求道:“上帝的仆人啊,求你饶了我和你的五十名仆人的性命。 14前两个五十夫长和他们的部下都被天上降下的火烧死了,现在求你饶我一命!” 15耶和华的天使对以利亚说:“不要害怕,跟他去吧!”以利亚就起来跟他去见王。 16以利亚对王说:“耶和华说,‘你差人去求问以革伦的神明巴力·西卜,是因为以色列没有上帝可以求问吗?因此,你再也不能下床了,你必定死。’”

17亚哈谢果然死了,正如耶和华借以利亚所说的。他没有儿子,他兄弟约兰继位,那年是犹大约沙法的儿子约兰执政第二年。 18亚哈谢其他的事都记在以色列的列王史上。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 1:1-18

Ɔhene Ahasia Adebisa

1Ɔhene Ahab wu akyi no, Moabman tew wɔn ho fii Israel ho, nyaa wɔn ahofadi. 2Da bi, Israelhene foforo Ahasia fii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfi mfɛnsere mu tew hwee fam, ma opiraa yiye. Enti ɔsomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub1.2 Baal-Sebub nkyerɛase ne “nwansena wura.” Saa din yi yɛ fɛwdi din bi a wɔde too Kanaanfo nyame Beelsebul (honhommɔne hene ba) so a ɛwɔ Mat 10.25; 12.27 no. Ekron nyame nkyɛn abisa, kobisaa sɛ obenya ahoɔden ana.

3Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’ 4Mprempren, sɛnea Awurade se ni: ‘Worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no.

5Bere a abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na moaba ntɛm saa?”

6Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ”

7Ɔhene no bisae se, “Na saa ɔbarima no yɛ hena? Na ɔte dɛn?”

8Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.”

Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”

9Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”

10Na Elia buaa ɔsahene no se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.

11Enti ɔhene no san somaa ɔsafohene foforo a asraafo aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene se bra mprempren ara.”

12Elia buae se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa.

13Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafo aduonum. Saa bere yi de, ɔsafohene no kobuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfo aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. 14Hwɛ sɛnea ogya fi ɔsoro abɛhyew akuw abien a wodi kan no. Nanso mprempren mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”

15Na Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Elia se, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

16Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛnea Awurade se ni: Adɛn nti na wosomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara wubewu.” 17Na Ahasia wui sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu. 18Nsɛm a esisii wɔ Ahasia ahenni mu no nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?