历代志上 22 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 22:1-19

1大卫说:“耶和华上帝的殿和以色列人献燔祭的坛要在这里。”

大卫筹备建殿

2大卫下令召集住在以色列的外族人,派他们采凿建上帝殿用的石头。 3大卫预备了大量的铁,用来做门扇的钉子和钩子,又预备了不计其数的铜。 4他还预备了无数的香柏木,都是西顿人和泰尔人给他运来的。

5大卫说:“为耶和华建造的殿宇必须宏伟辉煌,闻名于世,而我的儿子所罗门年纪还轻、阅历尚浅,所以我要为这殿预备材料。”因此,大卫在去世前为建殿预备了许多材料。

6大卫召来儿子所罗门,嘱咐他要为以色列的上帝耶和华建造殿宇。 7他对所罗门说:“儿啊,我本想为我的上帝耶和华的名建造一座殿宇。 8但耶和华对我说,‘你杀了许多人,打了很多仗,在我眼前使许多人血洒大地,因此你不可为我的名建造殿宇。 9你将生一个儿子,我必使他安享太平,不受四围的仇敌侵扰。他的名字要叫所罗门,他执政期间,我必使以色列太平安宁。 10他将为我的名建造殿宇,他要做我的儿子,我要做他的父亲,我要使他的王朝在以色列永远长存。’

11“儿啊,愿耶和华与你同在,使你亨通,照你的上帝耶和华的吩咐去建造祂的殿。 12愿耶和华赐你聪明和智慧,以便你照祂的律法治理以色列13你若谨遵耶和华借摩西吩咐以色列的律例和典章,就必亨通。你要刚强勇敢,不可惊慌害怕。 14看啊,我历尽艰辛,为耶和华的殿预备了三千四百五十吨金子、三万四千五百吨银子和不计其数的铜和铁。我还预备了木料和石头。你还要多加预备。 15你有许多工匠,如凿石匠、砌石匠、木匠等各种能工巧匠, 16还有不计其数的金匠、银匠、铜匠和铁匠。现在动工吧,愿耶和华与你同在。”

17大卫又吩咐以色列的众首领帮助他儿子所罗门18他说:“你们的上帝耶和华与你们同在,使你们四境平安。祂将这地方的居民交在我手中,使这地方被祂和祂的子民治理。 19现在,你们要全心全意地寻求你们的上帝耶和华,去建造耶和华上帝的圣所,好将祂的约柜和圣洁器皿都放在里面。”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 22:1-19

1Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”

Asɔredan No Sie Ho Ahoboa

2Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no. 3Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo. 4Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada.

5Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.

6Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn. 7Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam. 8Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam. 9Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel. 10Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’

11“Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi. 12Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi. 13Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu.

14“Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. 15Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree. 16Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”

17Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu. 18Ɔkaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa. 19Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.”