历代志上 21 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 21:1-30

大卫统计人口

1撒旦为了攻击以色列,就挑动大卫统计以色列人的数目。 2大卫约押和其他军中的首领说:“你们要走遍以色列,从别示巴一直到,统计以色列的人口,然后回来禀告我,我好知道他们的数目。” 3约押说:“愿耶和华使祂子民的人数比现在增加百倍。但我主我王啊,他们不都是你的仆人吗?我主为什么要这样做,使以色列人陷于罪中呢?” 4大卫不听约押的规劝。约押只好出去,走遍以色列,然后回到耶路撒冷5将人数呈报大卫:全以色列有一百一十万刀兵,犹大有四十七万。 6约押没有把利未人和便雅悯人算在其中,因为他厌恶王的这个命令。 7上帝也不喜悦这事,便降灾给以色列人。 8大卫对上帝说:“我做这事犯了大罪。求你赦免仆人的罪,我做了极其愚昧的事。” 9耶和华对大卫的先见迦得说: 10“你去告诉大卫,我有三样灾祸,他可以选择让我降哪一样给他。”

11迦得就来见大卫,把耶和华的话告诉他,说:“你可以任选一样, 12或三年的饥荒,或被敌人追杀三个月,或国中遭三天的瘟疫,让耶和华的天使在以色列全境施行毁灭。请你考虑好后告诉我,我好回复那差我来的。” 13大卫说:“我实在为难!不过我宁愿落在耶和华的手中,也不愿落在人的手中,因为耶和华有无限的怜悯。”

14于是,耶和华在以色列降下瘟疫,有七万人死亡。 15上帝差遣天使去毁灭耶路撒冷。天使正要毁灭的时候,耶和华见了就心生怜悯,对施行毁灭的天使说:“够了,住手吧!”当时,耶和华的天使正站在耶布斯阿珥楠的麦场上。 16大卫举目看见耶和华的天使站在天地之间,手握着已出鞘的刀,指向耶路撒冷大卫和众长老都身披麻衣,脸伏于地。 17大卫对上帝说:“吩咐统计人民数目的不是我吗?是我犯了罪,做了恶事,这些百姓有什么过错呢?我的上帝耶和华啊,愿你的手惩罚我和我的家族,不要把瘟疫降在你的子民身上。”

18耶和华的天使吩咐迦得去告诉大卫耶布斯阿珥楠的麦场上为耶和华建一座祭坛。 19大卫照耶和华借迦得所说的话去了麦场。 20那时,阿珥楠正在打麦子,他转身看见了天使,跟他在一起的四个儿子都躲了起来。 21阿珥楠看见大卫来了,就从麦场出来,俯伏叩拜大卫22大卫对他说:“请你将这块麦场卖给我,我要在这里为耶和华筑一座祭坛,好止住民间的瘟疫。你全价卖给我吧。” 23阿珥楠说:“我主我王只管用我的麦场!我愿献出牛作燔祭,打麦的器具作柴,麦子作素祭,我愿献出这一切。”

24大卫王说:“不可,我一定要付你全价,我不能拿你的东西献给耶和华,不能把白白得来的献作燔祭。” 25于是,大卫就用七公斤金子买了阿珥楠的麦场。 26大卫在那里为耶和华建了一座坛,献上燔祭和平安祭,并求告耶和华。耶和华垂听了他的祷告,从天上降火在祭坛上, 27又命令天使收刀入鞘。

28大卫见耶和华在耶布斯阿珥楠的麦场上应允了他的祷告,就在那里献祭。 29那时候,摩西在旷野为耶和华所造的圣幕和燔祭坛都在基遍的高地。 30大卫因为惧怕耶和华天使的刀,不敢去那里求问上帝。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 21:1-30

Dawid Kan Nnipa

1Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ. 2Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano.”

3Na Yoab kaa sɛ, “Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”

4Nanso, ɔhene no kaa sɛ, deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem 5bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda.

6Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete.

Dawid Bɔne Ho Atemmuo

7Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.”

9Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: 10“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”

11Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: 12Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”

13Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”

14Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ. 15Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.

16Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.

17Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.”

Dawid Si Afɔrebukyia

18Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 19Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ. 21Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene Dawid reba ayuporobea hɔ no, ɔfiri hɔ kɔkotoo nʼanim.

22Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna sɛ, “Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade wɔ hɔ sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano.”

23Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa, me wura, na fa yɛ deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso bɔ atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo.”

24Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi! Mepɛ sɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka.”

25Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no. 26Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.

27Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu. 28Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 29Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii wɔ ɛserɛ so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30Nanso, Dawid antumi ankɔ hɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri sɛ, akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.