利未记 2 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 2:1-16

献素祭的条例

1“如果有人献素祭给耶和华,要用细面粉作祭物。要在细面粉上浇油、加乳香, 2带到祭司——亚伦的子孙那里。祭司要抓一把浇了油的细面粉,连同所有乳香,作为象征放在坛上焚烧。这是蒙耶和华悦纳的馨香火祭。 3剩下的素祭要归亚伦及其子孙,这在献给耶和华的火祭中是至圣的。

4“如果献用炉子烤的素祭,要献调油的无酵细面饼,或涂油的无酵薄饼。

5“如果献用平底锅烤的素祭,要献调油的无酵细面饼。 6要把饼掰成碎块,浇上油。这是素祭。

7“如果献用煎锅煎的素祭,要献用细面粉和油做的祭物。

8“要把做好的素祭带到耶和华面前,交给祭司献在祭坛上。 9祭司要从中取出一部分,作为象征放在祭坛上焚烧。这是蒙耶和华悦纳的馨香火祭。 10剩下的素祭要归亚伦及其子孙。在献给耶和华的火祭中,这是至圣之物。

11“献给耶和华的任何素祭都不可含酵,因为你们不可把酵或蜜当作火祭献给耶和华。 12你们可以把酵和蜜作为初熟之祭献给耶和华,但不可作为馨香之祭烧在祭坛上。 13所有素祭中都要放盐,借此提醒你们与上帝所立的约。所有祭物中都要放盐。

14“如果将初熟的谷物献给耶和华作素祭,要用烘好后压碎的新麦穗, 15加上油和乳香。这是素祭。 16祭司要将一些压碎的麦穗、油及所有乳香作为象征焚烧。这是献给耶和华的火祭。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 2:1-16

Atoko Afɔrebɔ

1“ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra 2nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani. 3Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

4“ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye. 5Sɛ afɔrebɔde no yɛ aduan a wɔato wɔ dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no. 6Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atoko afɔre ara pɛ. 7Sɛ monoa mo afɔre no wɔ kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no. 8Sɛ moyɛ aduan bi, sɛ motoe, sɛ mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de kɔ afɔremuka no anim de kɔma Awurade. 9Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ sɛ asɔfo no hyew, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. 10Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

11“ ‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu. 12Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛsɔ Awurade ani. 13Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho.

14“ ‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade. 15Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre. 16Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.