利未记 12 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 12:1-8

产妇洁净的条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列人。

“如果有妇人生了男婴,她就要不洁净七天,像在经期内不洁净一样。 3第八天,婴儿要接受割礼。 4妇人因产后流血,要等三十三天才能洁净。其间,不可接触任何圣物,也不可进入圣所。 5如果妇人生的是女婴,她就要不洁净十四天,像在经期内不洁净一样。她因产后流血,要等六十六天才能洁净。 6不论她生男生女,洁净期满后,都要预备一只一岁的羊羔作燔祭、一只雏鸽或斑鸠作赎罪祭,带到会幕门口交给祭司。 7祭司要在耶和华面前献祭,为她赎罪,她就洁净了。这是有关产妇的条例。 8她若负担不起一只羊羔,可以带两只斑鸠或雏鸽来,一只作燔祭,一只作赎罪祭。祭司为她赎罪后,她就洁净了。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 12:1-8

Awo Akyi Ahodwira

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. 3Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia. 4Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. 5Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.

6“ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no. 7Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho.

“ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde. 8Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ”