利未记 11 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 11:1-47

有关食物的条例

1耶和华对摩西亚伦说: 2“你们把以下条例告诉以色列人。

“地上的动物, 3凡是蹄子分瓣且反刍的,你们都可以吃。 4但你们不可吃只有蹄子分瓣或只反刍的动物。骆驼不洁净,因为它虽反刍但蹄子不分瓣; 5獾不洁净,因为它虽反刍但蹄子不分瓣; 6野兔不洁净,因为它虽反刍但蹄子不分瓣; 7猪不洁净,因为它蹄子虽分瓣但不反刍。 8你们不可吃它们的肉,也不可摸它们的尸体,因为它们对你们来说不洁净。

9“海洋与河流里的动物,凡有鳍有鳞的,你们都可以吃。 10但海洋与河流里无鳍无鳞的动物,你们要憎恶。 11它们都是可憎之物,不可吃它们的肉,也不可摸它们的尸体。 12水中任何无鳍无鳞的动物,你们都要视为可憎之物。

13“你们不可吃以下鸟类,要视为可憎之物。它们是雕、胡兀鹫、黑秃鹫、 14鸢、隼类、 15乌鸦类、 16驼鸟、夜鹰、海鸥、鹰类、 17小鸮、鸬鹚、大鸮、 18仓鸮、鹈鹕、鱼鹰、 19鹳、鹭鸟类、戴胜和蝙蝠。

20“你们要憎恶会飞会爬的昆虫, 21但可以吃会飞会跳的昆虫, 22包括蝗虫、蟋蟀和蚱蜢。 23所有会飞会爬的昆虫,你们要视为可憎之物。

24“以下的动物会使你们不洁净。任何人接触到它们的尸体,都不洁净,要等到傍晚才能洁净。 25任何人拿它们的尸体,都必须洗净所穿的衣服,要等到傍晚才能洁净。 26蹄子不分瓣或不反刍的动物,你们要视为不洁净,碰到它们的人都不洁净。 27所有以脚掌走路的四足动物,你们要视为不洁净,碰到它们尸体的人都不洁净,要等到傍晚才能洁净。 28凡拿它们尸体的人都必须洗净所穿的衣服,要等到傍晚才能洁净。你们要视它们为不洁净的动物。

29“地上不洁净的动物有鼬鼠、老鼠、大蜥蜴、 30壁虎、巨蜥、小蜥蜴和变色龙。 31这些爬虫都是不洁净的。任何人碰到它们的尸体,都不洁净,要等到傍晚才能洁净。 32如果它们的尸体掉在什么东西上,不管是木器、衣物、皮件还是袋子,不管作何用途,都会变得不洁净。要把那东西放在水中,一直到傍晚才能洁净。 33如果它们的尸体掉在陶器里,陶器里盛的东西都不洁净。你们必须打碎那陶器。 34陶器里的水如果滴到食物上,食物就不洁净;如果滴到盛饮料的器皿里,饮料也不洁净。 35它们的尸体无论掉在什么东西上,那东西都不洁净,无论是炉是锅都要打碎。 36如果它们的尸体掉进水泉或储水池里,水泉和储水池仍然是洁净的,但碰到尸体的人是不洁净的。 37如果它们的尸体接触到将要播撒的种子,种子仍是洁净的。 38但如果它们的尸体碰到泡过水的种子,种子就不洁净。

39“一只可以食用的动物死后,任何人如果碰到它的尸体,都不洁净,要等到傍晚才能洁净。 40任何人如果吃它的肉,或拿它的尸体,都必须洗净衣服,等到傍晚才能洁净。

41“所有地上的爬虫都是可憎的,你们不可吃。 42你们不可吃用肚子、四脚或多脚爬行的动物,这些都是可憎的。 43你们不可让这些动物玷污自己,使自己不洁净。 44我是你们的上帝耶和华。你们要分别出来做圣洁的人,因为我是圣洁的。你们不可让地上的爬虫玷污自己。 45我是耶和华,我带你们离开埃及,为要做你们的上帝。你们要圣洁,因为我是圣洁的。

46“以上是有关飞禽走兽、水族和地上一切爬虫的条例, 47使你们可以分清什么是洁净的、什么是不洁净的、什么是可吃的、什么是不可吃的。”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 11:1-47

Mmoa A Wɔn Ho Te Ne Wɔn A Wɔn Ho Nte

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 2“Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu. 3Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.

4“ ‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ; 5Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. 6Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. 7Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa. 8Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.

9“ ‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu; 10nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi. 11Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu. 12Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi.

13“ ‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo, 14ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa, 15anene (wɔn ahodoɔ nyinaa), 16sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa), 17ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ, 18bakanoma, nantwinoma, opete, 19asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan.

20“ ‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe 21agye wɔn a wɔhuri; 22ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we. 23Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi.

24“ ‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ 25na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi.

26“ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi. 27Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ. 28Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ.

29“ ‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura, 30efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ. 31Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ 32na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio. 33Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no. 34Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara. 35Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo. 36Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi. 37Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi, 38nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.

39“ ‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ. 40Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ.

41“ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam. 42Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi. 43Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. 44Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. 45Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.

46“ ‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. 47Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”