创世记 2 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 2:1-25

1天地万物都造好了。 2第七天,上帝完成了祂的创造之工,就在第七天歇了一切的工。 3上帝赐福给第七天,将其定为圣日,因为祂在这一天歇了祂一切的创造之工。 4这是有关创造天地的记载。

上帝造亚当和夏娃

耶和华上帝创造天地的时候, 5地上还没有草木菜蔬,因为耶和华上帝还没有降雨在地上,土地也没有人耕作, 6但有水从地里涌出,浇灌大地。 7耶和华上帝用地上的尘土造了人,把生命的气息吹进他的鼻孔里,他就成了有生命的人。 8耶和华上帝在东方的伊甸开辟了一个园子,把祂所造的人安置在里面。 9耶和华上帝使地面长出各种树木,它们既好看又能结出可吃的果子。在园子的中间有生命树和分别善恶的树。

10有一条河从伊甸流出来灌溉那园子,又从那里分出四条支流。 11第一条支流叫比逊河,它环绕着哈腓拉全境。那里有金子, 12且是上好的金子,还有珍珠和红玛瑙。 13第二条支流是基训河,它环绕着古实全境。 14第三条支流名叫底格里斯河,它流经亚述的东边。第四条支流是幼发拉底河。

15耶和华上帝把那人安置在伊甸的园子里,让他在那里耕种、看管园子。 16耶和华上帝吩咐那人说:“你可以随意吃园中所有树上的果子, 17只是不可吃那棵分别善恶树的果子,因为你若吃了,当天必死。”

18耶和华上帝说:“那人独自一人不好,我要为他造一个相配的帮手。” 19耶和华上帝用尘土造了各种田野的走兽和空中的飞鸟,把它们带到那人跟前,看他怎么称呼这些动物。他叫这些动物什么,它们的名字就是什么。 20那人给所有的牲畜及田野的走兽和空中的飞鸟都起了名字。可是他找不到一个跟自己相配的帮手。 21耶和华上帝使那人沉睡,然后从他身上取出一根肋骨,再把肉合起来。 22耶和华上帝用那根肋骨造成一个女人,带到那人跟前。 23那人说:

“这才是我的同类,

我骨中的骨,肉中的肉,

要称她为女人,

因为她是从男人身上取出来的。”

24因此,人要离开父母,与妻子结合,二人成为一体。 25当时,他们夫妇二人都赤身露体,并不觉得羞耻。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 2:1-25

1Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

2Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome. 3Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri sɛ, saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho.

4Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

5Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. 6Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa. 7Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.

8Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ. 9Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie.

10Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri hɔ a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan. 11Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. 12Na saa asase no so sikakɔkɔɔ yɛ. Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso wɔ hɔ. 13Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus2.13 Kus—Ɛyɛ Hebri asɛm a ɛkyerɛ ɔmantam te sɛ Sudan anaa Etiopia a ɛwowɔ Apam Dada mu no nyinaa. Asubɔnten a wɔbɔ ne din wɔ ha yi yɛ Nil. Ebinom nso ka sɛ Kus wɔ Mesopotamia. asase ho nyinaa. 14Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

15Awurade Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. 16Na Awurade Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ sɛ, “Wowɔ ho ɛkwan sɛ, wodi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; 17nanso wonni ho ɛkwan sɛ wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.”

Onyankopɔn Bɔ Hawa

18Afei, Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no.”

19Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. 20Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin.

Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no. 21Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no. 22Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.

23Na Adam kaa sɛ,

“Mʼankasa me dompe

ne me honam bi nie.

Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ,

ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.”

24Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

25Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.