创世记 18 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 18:1-33

上帝应许撒拉生子

1耶和华在幔利的橡树那里向亚伯拉罕显现。那时天气很热,亚伯拉罕坐在帐篷口, 2抬头看见三个人站在对面,就跑去迎接他们,俯伏在地, 3说:“我主,你们若肯赏光,请不要匆匆路过仆人这里。 4我让人拿点水来,你们洗洗脚,在树下歇一会儿。 5我拿点饼来,你们补充一下体力再上路吧。你们既然路过这里,我理应招待你们。”他们说:“好,就照你说的做吧!”

6于是,亚伯拉罕连忙进帐篷对撒拉说:“快准备三斗18:6 三斗”希伯来文是“三细亚”,大约是十公斤。细面粉,和面烤饼。” 7亚伯拉罕又跑到牛群中牵了一头肥嫩的小牛,吩咐仆人赶快准备好。 8亚伯拉罕把奶、奶酪和准备好的牛肉摆在客人面前,站在树荫下招待他们。

9那三位客人问亚伯拉罕:“你妻子撒拉在哪里?”亚伯拉罕回答说:“在帐篷里。” 10其中一人说:“明年这时候,我会再来你这里,撒拉必生一个儿子。”这话被站在那人后面帐篷口的撒拉听见了。 11亚伯拉罕撒拉已经年纪老迈,撒拉的月经也已经停了。 12撒拉暗自发笑,心想:“我已经这么老了,还会有这种福气吗?况且我的丈夫也很老了。” 13耶和华问亚伯拉罕:“撒拉为什么偷笑说,‘我这把年纪还会有孩子吗?’ 14什么事难得住耶和华呢?明年这时候,我会再来你这里,撒拉必生一个儿子。” 15撒拉听见后非常害怕,连忙否认说:“我没有笑!”但耶和华说:“不,你确实笑了。”

亚伯拉罕为所多玛求情

16那三个人就起身朝所多玛眺望,亚伯拉罕与他们同行,要送他们一程。 17耶和华说:“我要做的事怎么可以瞒着亚伯拉罕呢? 18亚伯拉罕必成为强盛的大国,世上万国必因他而蒙福。 19我拣选了他,是要他教导自己的子孙后代持守我的道、秉公行义。这样,我必实现对他的应许。” 20耶和华说:“所多玛蛾摩拉罪恶深重,人们怨声载道。 21我现在要下去看看他们的所作所为是否如所说的那样邪恶,如果不是,我也会知道。”

22其中二人转身向所多玛走去,亚伯拉罕却仍旧站在耶和华面前。 23亚伯拉罕上前说:“你要把义人和恶人一同毁灭吗? 24倘若城中有五十个义人,你还要毁灭那城吗?你会不会为了五十个义人而饶恕那座城呢? 25你绝不会黑白不分,把义人和恶人一同毁灭。你是普天下的审判者,难道不秉公行事吗?” 26耶和华回答说:“倘若我在所多玛城中找到五十个义人,我就要因他们的缘故饶恕全城。” 27亚伯拉罕说:“主啊,虽然我渺小如灰尘,但我还要大胆地求问你, 28倘若只有四十五个义人,你会因为少了五个义人而毁灭全城吗?”耶和华说:“倘若我在城里找到四十五个义人,我也不会毁灭那城。” 29亚伯拉罕又说:“倘若在那里找到四十个义人呢?”耶和华说:“为了那四十个人的缘故,我不会毁灭那城。” 30亚伯拉罕说:“求主不要发怒,容许我再问一次,倘若在那里只找到三十个义人呢?”耶和华说:“倘若在那里只找到三十个,我也不会毁灭那城。” 31亚伯拉罕说:“我大胆再问一次,倘若在那里只找到二十个义人呢?”耶和华说:“为了那二十个人的缘故,我也不会毁灭那城。” 32亚伯拉罕又说:“求主不要发怒,让我问最后一次,倘若在那里只找到十个义人呢?”耶和华说:“为了那十个人的缘故,我也不会毁灭那城。” 33耶和华跟亚伯拉罕说完话便离开了,亚伯拉罕也回家去了。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 18:1-33

Onyankopɔn Hyɛ Abraham Ne Sara Awoɔ Ho Bɔ

1Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no. 2Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn.

3Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ. 4Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra. 5Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ,

“Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.”

6Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.”

7Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma. 8Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.

9Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?”

Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.”

10Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. 11Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho. 12Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”

13Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’ 14Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

15Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.”

Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.”

Abraham Di Ma Sodom

16Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan. 17Afei, Awurade kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa? 18Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa. 19Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”

20Afei, Awurade kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no. 21Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.”

22Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim. 23Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? 24Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ? 25Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?”

26Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.”

27Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?”

Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.”

29Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”

Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.”

30Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?”

Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.”

31Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”

Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.”

32Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?”

Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.”

33Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.