传道书 9 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 9:1-18

1我仔细思想、探究这些事,就知道义人、智者及他们的行事为人都由上帝掌管,人无法知道前面等待自己的是爱还是恨。 2义人和恶人、好人和坏人、洁净的和污秽的、献祭的和不献祭的、行善的和犯罪的、敢于起誓的和不敢起誓的人,最终的命运都一样。 3在日光之下有一件可悲的事,就是人最终的命运都一样。再者,人内心都充满邪恶,活着的时候行事狂妄,最后都步入死亡。 4有生命就有希望,一条活狗总比一头死狮子强。 5因为活着的人还知道自己终有一死,但死了的人什么都不知道,再也得不到任何赏赐,他们被忘得一干二净。 6他们的爱、恨和嫉妒早已不复存在,他们再也无法参与日光之下的事。

7去欢欢喜喜、快快乐乐地吃喝吧!因为上帝已经悦纳你所做的。 8你的衣服要经常保持洁白,头上也不要缺少膏油。 9在你虚空的人生中,就是在上帝所赐、日光之下虚空的岁月里,你要与爱妻快乐度日,因为这是你一生在日光之下的劳碌中所当得的。 10凡你的手能做的,都要尽力去做,因为在你要去的阴间没有工作,没有计划,也没有知识和智慧。 11我又发现,日光之下,跑得快的未必能得奖,强大的未必能得胜,智者未必得温饱,聪明人未必有财富,博学者未必受爱戴,因为时机和境遇左右众人。 12再者,人无法知道何时大难临头。祸患突然临到时,人根本无法摆脱,就像鱼落入险恶的网中,又像鸟儿陷入网罗。 13我看见日光之下有一种智慧,对我来说意义深远。 14有一个势力强大的君王来攻击一个人口不多的小城,他建造营垒围困这城。 15这城里有一个贫穷的智者,他用智慧拯救了这城,但事后人们却把他遗忘了。 16我认为智慧胜过武力,然而那位穷人的智慧却被轻视,他所说的话也无人理会。 17智者的细语胜过官长在愚人中的喊叫。 18智慧胜过兵器,但一个罪人却能破坏许多善事。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 9:1-18

Nkrabea A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa

1Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.

Sɛnea ɛte ma onipa pa no,

saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo;

sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,

saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.

3Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho. 4Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.

5Na ateasefo nim sɛ wobewu,

nanso awufo nnim hwee;

wonni akatua biara bio,

na wɔn ho nkae mpo ayera.

6Wɔn dɔ, ɔtan

ne ninkunu atu ayera dedaw;

wonni hwee yɛ wɔ

biribiara a esi wɔ owia yi ase mu.

7Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so. 8Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim. 9Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ.

11Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase:

Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare

anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo,

aduan mma onyansafo nkyɛn

anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ,

na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn;

nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.

12Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso:

Sɛnea asau buma mpataa,

ne sɛnea afiri yi nnomaa no

saa ara na mmere bɔne to nnipa

wɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so.

Nimdeɛ Ye Sen Nkwaseasɛm

13Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye: 14Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. 15Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

17Ɛsɛ sɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo no

na ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu.

18Nimdeɛ ye sen akode,

nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree.