传道书 8 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 8:1-17

1谁像有智慧的人呢?

谁知道事情的原委呢?

智慧能使人容光焕发,

使冷酷的面孔柔和。

2我劝你遵守王的命令,因为你曾在上帝面前这样发誓。 3不要在王面前鲁莽行事,也不要参与恶行,因为王可以随意行事。 4况且,王的命令至高无上,谁敢质问他呢? 5遵从王命的必免遭祸患,因为智者心里懂得做事的时机和方法。 6尽管人面临重重困难,但做任何事都有时机和方法。 7无人知道未来的事,谁能告诉人将来的事呢? 8无人能掌管生命8:8 生命”也可译作“风”或“气息”。,留住生命,也无人能掌管死期。无人能免于这场争战,邪恶也救不了作恶者。 9这一切我都见过了,我用心思考日光之下的一切事。有时人欺压人、伤害人。 10我看见恶人生前出入圣所,死后安葬,还在他们作恶的城中受到称赞,这也是虚空。 11对犯罪者的刑罚不迅速执行,世人便尽情作恶。 12虽然罪人作恶多端仍得长寿,我却认为敬畏上帝的人必亨通。 13然而,恶人得不到祝福,他们必像幻影一样不能长久,因为他们不敬畏上帝。 14世上有一件虚空的事,就是义人遭受了恶人当受的报应,恶人却享受了义人该享的福乐。我认为这也是虚空。 15因此,我便赞赏享乐,因为在日光之下没有什么比吃喝快乐更好。这是人在上帝所赐的年日里,从劳碌中当得的享受。 16我全心去寻求智慧,观察世上所发生的事,甚至昼夜不眠, 17思想上帝所做的一切,便知道人无法理解日光之下所发生的事。尽管人努力不懈地去寻找,也不能明白;即使智者自以为明白,他其实仍不能参透。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 8:1-17

1Hena na ɔte sɛ onyansafo?

Hena na onim sɛnea nneɛma te?

Nimdeɛ te nnipa anim,

na ɛbrɛ ne denyɛ ase.

Yɛ Osetie Ma Ɔhene

2Mise: Di ɔhene mmaransɛm so, efisɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3Mpɛ ntɛm mfi ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ na onii no anyɛ nea ɔpɛ biara. 4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”

5Nea odi ne mmaransɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,

na nyansa koma behu bere a ɛsɛ, ne ne kwan.

6Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ,

nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

7Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti,

hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba?

8Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;

saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.

Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no,

saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.

9Mihuu eyinom nyinaa bere a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase no ho. Bere bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforo so ma ɛdan ɔhaw ma no. 10Bio, mihuu sɛ wɔasie amumɔyɛfo, wɔn a anka wodi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Eyi nso yɛ ahuhude.

11Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛe a wɔde yɛ bɔne ho. 12Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no. 13Nanso esiane sɛ amumɔyɛfo nsuro Onyankopɔn nti, ɛrensi wɔn yiye na wɔn nna renware sɛ sunsuma.

14Ade bi nso a ɛyɛ ahuhude a esi wɔ asase so, ɛne sɛ, atreneefo bi nya akatua a ɛfata amumɔyɛfo, na amumɔyɛfo bi nya akatua a ɛfata atreneefo. Eyi nso, mise ɛyɛ ahuhude. 15Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.

16Bere a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, 17mihuu nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte nea ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhu nkyerɛase da. Sɛ mpo onyansafo bi ka se onim a, ɔrentumi nte ase yiye da.