传道书 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 4:1-16

1于是,我又观察日光之下的一切欺压之事。我看见受欺压的泪流满面,无人安慰。因为欺压者有权有势,所以无人安慰他们。 2我为那已死的人庆幸,因为他们比活着的人幸福。 3不过,比以上两种人更幸运的是那从未出生的人,他们从未见过日光之下各样的恶行。 4我又看见人的一切劳碌和成就原是出于争强好胜。这也是虚空,如同捕风。 5愚人游手好闲,最后只能饿死。 6拥有不多,心里安宁,胜过拥有很多,仍劳碌捕风。 7我又看见日光之下一件虚空的事: 8有一个人孤孤单单,没有儿子也没有兄弟,却终身劳碌。他虽然家道丰裕,仍不满足,从未想过“我不停地劳碌,放弃一切享受,究竟是为了谁?”这也是虚空,是一种悲哀。 9两个人总比一个人好,因为二人劳碌同得美好的成果。 10一人跌倒,总有同伴相扶。但孤身一人、跌倒了无人相扶的真悲惨! 11还有,二人同睡会暖和,一人独睡怎能暖和呢? 12遭遇攻击,一人独自不能抵挡,二人并肩就能对付。三股拧成的绳子不容易断。 13贫穷但有智慧的青年,胜过年老、愚昧、不再纳谏的君王。 14虽然这青年在本国出身贫寒,却能从囚犯成为君王。 15我看见所有日光之下的人都起来拥护这位代替老君王的青年。 16拥护他的人不计其数,以后的世代却对他不满。这也是虚空,如同捕风。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 4:1-16

Nhyɛsoɔ, Adwumaden, Ankonam

1Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:

Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo

na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;

tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam

na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

2Na mekaa sɛ: Awufoɔ a

wɔawuwu dada no

ani gye sene ateasefoɔ;

wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.

3Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi

ne deɛ ɔnnya mmaeɛ,

deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a

wɔyɛ wɔ owia yi ase.

4Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.

5Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho

na ɔsɛe ne ho.

6Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu

yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho.

Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.

7Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:

8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;

ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.

Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,

nanso nʼani ansɔ nʼahonya.

Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no,

na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?”

Yei nso yɛ ahuhudeɛ,

ɛyɛ ɔhaw kwa.

9Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,

ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

10Sɛ ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko bɛtumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.

11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

12Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

Ɛkankɔ Yɛ Adehunu

13Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio. 14Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu. 15Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no. 16Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.