以赛亚书 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 4:1-6

1那时,七个女人将拉着一个男人,说:“我们会负责自己的吃穿,只求你娶我们,让我们归在你名下,好除掉我们嫁不出去的羞辱。”

耶路撒冷的复兴

2到那日,耶和华的苗必长得茂盛华美,这地方的出产必成为以色列幸存者的骄傲和光荣。 3-4主必以公义的灵和焚烧的灵洗净锡安的污秽,清除耶路撒冷的血迹。所有锡安剩余的人,即留在耶路撒冷、名字记录在生命册上的人都将被称为圣洁之民。 5耶和华必在日间用烟云遮蔽整个锡安山和那里的会众,在夜间用火光照亮他们。祂的荣耀必遮盖一切, 6是白日避暑的亭子,是躲避狂风暴雨的避难所和藏身处。

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 4:1-6

1Saa ɛda no, mmaa baason

bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ,

“Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma

na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ;

ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.

Yi ahohora firi yɛn so!”

Awurade Baa No

2Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no. 3Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa. 4Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem. 5Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so. 6Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.