以西结书 25 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 25:1-17

预言审判外族人

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要面向亚扪人,说预言斥责他们, 3告诉他们要听主耶和华的话。主耶和华说,‘当我的圣所被亵渎,以色列变得荒凉,犹大人被掳的时候,你们竟然哈哈而乐。 4所以我要使东方人侵占你们的地方。他们必在你们的土地上安营扎寨,吃你们出产的果子,喝你们牛羊的奶。 5我要使拉巴成为骆驼的草场,使亚扪人的土地变成羊群歇息之处,这样你们便知道我是耶和华。

6“主耶和华说,‘你们看到以色列的灾祸,便幸灾乐祸,手舞足蹈。 7因此,我要伸手攻击你们,使你们成为各国的俘虏。我必从万民中铲除你们,从万国中消灭你们,使你们灭绝。这样,你们就知道我是耶和华。’

斥责摩押

8“耶和华说,‘摩押西珥嘲笑犹大与其他各国没有两样。 9所以我要攻陷摩押边界的城邑,就是那地方引以为荣的伯·耶西末巴力·免基列亭10我要将它和亚扪人一起交给东方人统治,使亚扪人从此被列国遗忘。 11我必审判摩押人,这样他们就知道我是耶和华。’

斥责以东

12“耶和华说,‘因为以东报复犹大,犯了大罪。 13所以,我要伸手攻击以东,铲除那里的人和牲畜,使地荒废,从提幔直到底但以东人要倒在刀下。 14我要借我以色列子民的手向以东报仇。以色列人会照我的烈怒惩罚他们。那时,他们就会尝到我报应他们的滋味,这是主耶和华说的。’

斥责非利士

15“主耶和华说,‘非利士人心存仇恨,为了报世仇要毁灭犹大16所以我必伸手攻击他们,铲除基利提人,毁灭沿海残余的人。 17我要报应他们,发烈怒惩罚他们。我报应他们的时候,他们就知道我是耶和华。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 25:1-17

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Amon

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wokaa “Ahaa” guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu 4enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan wɔ mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo. 5Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 6Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo nan apempem hɔ, na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti, 7mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

8“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kaa sɛ, “Monhwɛ, Yuda efie ayɛ sɛ amanaman a aka no” 9enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam. 10Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu; 11na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

12“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti, 13deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. 14Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na wɔ ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistia

15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti, 16sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no. 17Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuhyeɛ mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”