但以理书 1 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

但以理书 1:1-21

但以理被掳到巴比伦

1犹大约雅敬执政第三年,巴比伦尼布甲尼撒前来围攻耶路撒冷2主将犹大约雅敬及上帝殿中的部分器具交在他手中。他把器具掳到巴比伦1:2 巴比伦”希伯来文是“示拿”,巴比伦的别称。的神庙,放在他神明的库房里。

3王吩咐太监长亚施毗拿以色列的王室贵族中选一些人, 4即毫无残疾、相貌英俊、学问渊博、知识丰富、聪慧善学、能在王宫服侍的青年,教他们迦勒底的语言和文字。 5王安排他们每日享用一份御用的膳食和酒。他们要受教养三年,期满后好在王身边供职。 6被选的人中有犹大族的但以理哈拿尼雅米沙利亚撒利雅7太监长给他们起了名字:称但以理伯提沙撒哈拿尼雅沙得拉米沙利米煞亚撒利雅亚伯尼歌

8然而,但以理决心不用王的膳食和酒,以免玷污自己。他请求太监长准许他不玷污自己。 9上帝使但以理得到太监长的恩待和同情。 10不过,太监长对但以理说:“我惧怕我主我王,因为这是他安排给你们的饮食。如果他看见你们比同龄的青年瘦弱,如何是好?你们会使我在王面前人头难保。” 11但以理便对太监长派来监管他、哈拿尼雅米沙利亚撒利雅的人说: 12“求你试试看,十天内只让仆人们吃素菜、喝清水, 13然后比较一下我们的面貌和那些用御膳的青年的面貌,看了之后再作决定。” 14监管同意试他们十天。 15十天后,但以理和他三个朋友看上去比那些用御膳的青年更俊美健康。 16于是,监管撤去了安排给他们的膳食和酒,只给他们素菜。

17上帝使这四个青年精通各样学问和知识。但以理能明白各种异象和梦兆。 18到了尼布甲尼撒王规定青年们进宫的日子,太监长便带他们去见王。 19王与他们谈话,发现无人比得上但以理哈拿尼雅米沙利亚撒利雅,便把他们留在身边供职。 20王询问他们各样的事,发现他们的智慧和聪明比全国的术士和巫师高十倍。 21直到塞鲁士王元年,但以理仍在那里供职。

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 1:1-21

Wɔyi Israelfoɔ Baanan Tete Wɔn

1Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no. 2Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.

3Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ, 4mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma. 5Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ.

6Mmeranteɛ baanan bi a wɔyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa firi Yuda abusuakuo mu. 7Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego.

8Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi. 9Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafoɔhene no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu. 10Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.”

11Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a apiafoɔhene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ, 12“Ma yɛn nhahamma ne nsuo dadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. 13Afei fa yɛn toto mmeranteɛ afoforɔ no a wɔredi ɔhene nnuane pa no ho, na hwɛ sɛdeɛ yɛte. Ɛno akyi yɛ wo nkoa sɛdeɛ wohunu.” 14Enti, ɔsomfoɔ no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.

15Dadu no akyi, wɔhunuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sene mmeranteɛ a wɔdii ahennuane no nyinaa. 16Enti, ɔsomfoɔ no sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhahamma nko ara, na wamfa ahennuane amma wɔn.

17Na mmerantewaa baanan yi Onyankopɔn maa wɔn nwomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nkyerɛaseɛ ho nimdeɛ.

18Ɛberɛ a ɔhene no ahyɛ no duruiɛ no, ɔpanin no de mmeranteɛ yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. 19Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasaeɛ, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti, wɔde wɔn kaa ɔhene no apiafoɔ ho. 20Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu.

21Daniel tenaa hɔ ara, kɔsii ɔhene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu.