以斯帖记 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 5:1-14

以斯帖为王和哈曼设宴

1第三天,以斯帖身穿朝服进入王宫内院,面对大殿站立,王在殿里正面朝宫门坐在宝座上。 2王见以斯帖王后站在院内,就施恩给她,向她伸出手中的金杖,以斯帖便上前摸杖头。 3王问道:“以斯帖王后啊,你有什么事?你有何要求?就是半壁江山,也必赐给你!” 4以斯帖回答说:“王若愿意,就请王今天带哈曼来赴我预备的宴席。” 5王说:“快召哈曼来,我们好照以斯帖的话做。”于是王带着哈曼以斯帖预备的宴席。 6席间,王对以斯帖说:“你要什么?我必赐给你。你有何要求?就是半壁江山,也必为你成就。” 7以斯帖回答说:“王啊,我所要、我所求的就是, 8我若得到王的恩宠,王若愿意赐我所要所求的,就请王明天带哈曼再来赴我预备的宴席,到时我一定向王禀明。”

哈曼图谋杀末底改

9那天哈曼出来,心中欢喜快乐。但他看见末底改在宫门前既不起身,也不对他表示畏惧,心中十分恼火。 10哈曼忍怒回到家中,把朋友和妻子细利斯叫来, 11向他们夸耀自己的荣华富贵和儿孙满堂,以及王怎样擢升他,使他位极人臣。 12哈曼又说:“还有,以斯帖王后只请了我随王赴她预备的宴席。她还请我明天随王赴宴。 13但只要我看见犹太末底改坐在宫门口,这一切对我都毫无意义。” 14他妻子细利斯和他所有的朋友对他说:“你可以叫人做一个二十三米高的木架,明天早上求王将末底改吊在上面,然后你可以快乐地随王去赴宴。”哈曼喜欢这个提议,就叫人做了木架。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 5:1-14

Ɛster Adesrɛ

1Nnansa akyi no, Ɛster hyɛɛ nʼahemmea atade kɔɔ ahemfi no adiwo hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa so. Na ɔhene no te nʼahengua so a nʼani kyerɛ abɔnten kwan ano. 2Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti.

3Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

4Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.”

5Ɔhene no dan ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Monka nkyerɛ Haman se, ɔmmra aponto no ase mprempren ara, sɛnea Ɛster asrɛ no.”

Enti ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster aponto no ase. 6Na bere a wogu so renom nsa no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster se, “Afei, ka nea wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛde yɛ dɛn? Sɛ wubisa mʼaheman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”

7Ɛster buae se, “Mʼadesrɛ a me koma da ho pa ara ni: 8Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.”

Haman Pɛ Mordekai Wu

9Haman fii aponto no ase no, na nʼani agye mmoroso! Nanso ohuu Mordekai a ɔte pon no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuwii. 10Nanso Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ fie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho no ano, 11de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho. 12Haman ka kaa ho se, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmea Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼaponto ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena. 13Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.”

14Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa no adwene se, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no se, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigye ne ɔhene no bɛkɔ aponto no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yiye ma ɔhyɛɛ sɛ wonsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.