以斯帖记 4 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 4:1-17

末底改求以斯帖帮忙

1末底改得知这事,就撕裂衣服,披上麻衣,头蒙灰尘,在城中行走,放声痛哭, 2一直走到宫门前才停住,因为穿麻衣的不可进宫门。 3王的命令和谕旨传到各省,各地的犹太人极其悲伤,他们禁食、哭泣、哀号,许多人身披麻衣躺在灰中。

4以斯帖王后的宫女和太监把这事禀告她,她非常难过,便为末底改送去衣服,让他换下麻衣,他却不肯接受。 5于是,以斯帖把王派来服侍她的一个名叫哈他革的太监召来,叫他去见末底改,查明事情的原委。 6哈他革就到宫门前的广场见末底改7末底改便将自己的遭遇及哈曼为灭绝犹太人而捐入国库的银子数目都告诉了他。 8末底改还把一份在书珊城颁布的要消灭犹太人的谕旨抄本交给哈他革,让他给以斯帖看,并嘱咐她去见王,为自己的同胞向王求情。 9哈他革回去把末底改的话告诉以斯帖10以斯帖便吩咐哈他革回复末底改说: 11“王的所有臣仆和各省人民都知道有一条法令,不论男女,未蒙宣召擅入内院去见王的必被处死,除非王向他伸出金杖,他才能活命。现在我已有三十天未蒙王召见了。”

12末底改听到以斯帖捎来的话后, 13便回复她说:“你别以为在宫里就比其他犹太人安全。 14如果此时你闭口不语,犹太人必从别处得解脱,蒙拯救,但你和你父亲一家必灭亡。谁知道你得了王后之位不是为了今日之时呢?”

15以斯帖派人回复末底改说: 16“你去召集书珊城所有的犹太人为我禁食,三天三夜不吃不喝,我和我的宫女也要这样禁食。然后,我要违例去见王,我若死就死吧。”

17于是,末底改便去照以斯帖的一切吩咐行事。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 4:1-17

Mordekai Pɛ Ɛster Mmoa

1Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu. 2Ogyinaa ahemfi no pon akyi, efisɛ na wɔmma obi a ɔhyɛ atweaatam no nkɔ mu. 3Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho.

4Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe. 5Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.

6Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ aguabɔbea a ɛwɔ ahemfi no pon ano. 7Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde begu adehye foto mu no, nam so de atɔre Yudafo no ase. 8Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo.

9Enti Hatak san kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. 10Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsan mfa nkra nkɔma Mordekai se: 11“Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.” 12Enti Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.

13Mordekai nso de saa mmuae yi maa Ɛster se, “Nsusuw da biara da sɛ, sɛ wokunkum Yudafo no nyinaa a, wubenya wo ti adidi mu wɔ ahemfi hɔ. 14Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.”

15Na Ɛster de mmuae yi kɔmaa Mordekai se, 16“Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”

17Enti Mordekai kɔyɛɛ sɛnea Ɛster ka kyerɛɛ no no.