Yosua 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 1:1-18

Onyankopɔn De Dwumadie Hyɛ Yosua Nsa

1Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ, 2“Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.1.2 Na Israelfoɔ no wɔ Sitim (2.1) Moab tata so (5 Mose 34.3) a ɛbɛn Yordan. 3Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ. 4Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa. 5Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da. 6Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.

7“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu. 8Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie. 9Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”

Yosua Kyerɛ Deɛ Israelfoɔ Nyɛ

10Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no sɛ, 11“Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.”

12Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 13“Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’ 14Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ 15nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.”

16Wɔbuaa Yosua sɛ, “Deɛ woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. 17Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no. 18Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 1:1-18

Onyankopɔn Yɛ Yosua Ɔkannifo

1Mose a ɔyɛ Awurade somfo no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se, 2“Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.1.2 Na Israelfo no wɔ Sitim (2.1) Moab tataw so (5 Mose 34.3) a ɛbɛn Yordan. 3Sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no, baabiara a wode wo nan besi no, mede bɛma wo. 4Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa. 5Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da. 6Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.

7“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu. 8Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye. 9Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”

Yosua Kyerɛ Nea Israelfo Nyɛ

10Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofo no se, 11“Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama mo no.”

12Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua no fa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, 13“Monkae ahyɛde a Awurade somfo Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’ 14Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ 15nkosi sɛ Awurade bɛma wɔn ɔhome sɛnea wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bedi asase a Awurade, mo Nyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apuei fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa mo no, bɛyɛ mo atenae.”

16Wobuaa Yosua se, “Nea woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. 17Yɛbɛyɛ osetie ama wo sɛnea yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Nyankopɔn, nni wʼakyi sɛnea odii Mose akyi no. 18Obiara a ɔbɛtew wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛde mu biara so no, wonkum no. Enti, hyɛ wo ho den na nya akokoduru!”