Atemmufoɔ 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 1:1-36

Yuda Ne Simeon Fa Asase No

1Yosua wuo akyi no, Israelfoɔ bisaa Awurade sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔto hyɛ Kanaanfoɔ no so kane?”

2Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no so die ahyɛ wɔn nsam.”

3Enti, Yuda ntuanofoɔ ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuo no sɛ, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfoɔ a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti, Simeonfoɔ mmarima no ne Yudafoɔ no kɔeɛ.

4Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu wɔ Besek. 5Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiaeɛ, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfoɔ no ne Perisifoɔ no so nkonim. 6Adoni-Besek dwaneeɛ, nanso ankyɛre na Israelfoɔ kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.

7Ɛmaa Adoni-Besek kaa sɛ, “Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa wɔ me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu wɔ hɔ.

8Yuda mmarima no to hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wɔkunkumm kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu ogya.

9Ɛno akyi, wɔdane faa anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔtete bepɔ asase, Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ so no so. 10Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so. 11Wɔfiri hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).

12Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 13Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.

14Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”

15Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.

16Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.

17Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma. 18Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.

Israel Antumi Amfa Asase No

19Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri hɔ, ɛfiri sɛ, na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam. 20Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ. 21Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem.

22Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ.” 25Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ. 26Akyire no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifoɔ asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no edin Lus. Na saa edin no da kuropɔn no so de bɛsi ɛnnɛ.

27Manase abusuakuo no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraaseɛ no, ɛfiri sɛ, na Kanaanfoɔ no aka sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. 28Israelfoɔ no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn a wɔampamo wɔn amfiri asase no so. 29Efraim abusuakuo no nso antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Geser no enti Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. 30Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 31Aser abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32Nokorɛm, ɛsiane sɛ wɔantumi antu wɔn no enti, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a Aserfoɔ no te soɔ no so. 33Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ. 34Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so hɔ. 35Amorifoɔ no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefoɔ no yɛɛ den mmorosoɔ no, wɔhyɛɛ Amorifoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 36Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabbim aforoeɛ kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 1:1-36

Yuda Ne Simeon Fa Asase No

1Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?”

2Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.”

3Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe.

4Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek. 5Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim. 6Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.

7Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ.

8Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya.

9Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so. 10Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so. 11Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).

12Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” 13Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.

14Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?”

15Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten.

16Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.

17Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma. 18Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.

Israel Antumi Amfa Asase No

19Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam. 20Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ. 21Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem.

22Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.” 25Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo. 26Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ.

27Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. 28Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so. 29Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae. 30Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 31Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so. 33Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo. 34Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ. 35Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 36Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.