Yohane 8 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 8:1-59

1Yesu sane kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Ɔbaa Dwamanfoɔ No

2Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ adwaman baa nʼanim. 4Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman, 5nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?” 6Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no.” 8Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam.

9Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. 10Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Nnipa a wɔde wo baeɛ no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”

11Ɔbaa no buaa Yesu sɛ, “Dabi, Owura.”

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Yesu, Ewiase Hann

12Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu.”

13Farisifoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, ɛfiri sɛ, wo ara na woredi wo ho adanseɛ.”

14Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Sɛ me ara meredi me ho adanseɛ mpo a, asɛm a meka no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefiri baeɛ ne faako a merekɔ. Na mo deɛ, monnim faako a mefiri baeɛ ne faako nso a merekɔ. 15Mo ankasa mode mo adwene na ɛbu atɛn na me deɛ, memmu obiara atɛn. 16Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17Wɔatwerɛ wɔ mo mmara mu sɛ, sɛ adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokorɛ. 18Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”

19Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnim me, na monnim mʼAgya no nso. Sɛ monim me a, anka mobɛhunu mʼAgya no nso.” 20Yesu kaa yeinom nyinaa ɛberɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.

21Yesu sane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mɛfiri mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhunu me. Na mo deɛ, mobɛwu wɔ mo mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

22Yudafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na ɔrekɔ a ɔse ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekɔkum ne ho?”

23Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase, 24Ɛno enti na meka kyerɛ mo sɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene deɛ mene a, mobɛwu wɔ mo bɔne mu.”

25Wɔbisaa no sɛ, “Wo koraa, wone hwan?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Mene deɛ daa meka kyerɛ mo sɛ meyɛ. 26Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ na asɛm a meka no yɛ deɛ mate afiri ne nkyɛn.”

27Nnipa no ante no aseɛ sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. 28Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monya ma Onipa Ba no so wɔ asɛnnua no so a, na mobɛhunu sɛ, mene deɛ mene no, na afei mobɛhunu bio sɛ memfiri me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom, deɛ Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. 29Deɛ ɔsomaa me no ka me ho daa. Ɔnnyaa me da, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.” 30Nnipa a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no mu dodoɔ no ara gyee no diiɛ.

Yudafoɔ Ahohoahoa

31Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔgyee no diiɛ no sɛ, “Sɛ modi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafoɔ. 32Ɛno ansa na mobɛhunu nokorɛ no na nokorɛ no bɛma mo ade mo ho.”

33Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛn deɛ yɛyɛ Abraham asefoɔ. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na ɛyɛ dɛn na woka sɛ wobɛma yɛade yɛn ho?”

34Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. 35Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba deɛ, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. 36Ɛno enti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa. 37Megye tom sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri sɛ, monni ne nkyerɛkyerɛ so. 38Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so.”

39Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.”

Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40Deɛ mayɛ ne sɛ maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ yei. 41Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ.”

Nnipa no sane kaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

42Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri sɛ, ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me pɛ mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me. 43Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri sɛ, mompɛ sɛ mote aseɛ. 44Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. 45Nanso me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ enti na monnye me nni no. 46Mo mu hwan na ɔbɛtumi aka sɛ medi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn enti na monnye me nni? 47Obiara a ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo deɛ, ɛsiane sɛ momfiri Onyankopɔn mu no enti na montie nʼasɛm no.”

Yesu Ne Abraham

48Yudafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?”

49Yesu buaa sɛ, “Menni honhommɔne. Medi mʼAgya ni na mo deɛ monni no ni. 50Memmpere nhwehwɛ animuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na ɔdi ma me. 51Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo sɛ, obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.”

52Yudafoɔ no nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei na yɛahunu ampa ara sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wuiɛ. Adiyifoɔ no nso wuwuiɛ. Nanso, wo deɛ woka sɛ, ‘Obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.’ 53Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu sɛ woyɛ hwan?”

54Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho animuonyam a, mʼanimuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka sɛ ɔyɛ mo Onyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me animuonyam. 55Mo deɛ, monnim no, nanso me deɛ, menim no. Sɛ meka sɛ mennim no a na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo ara. Menim no na madi nʼasɛm nso so. 56Mo agya Abraham ani gyee sɛ ɔbɛhunu me ba a mɛba no. Ɔhunuiɛ na nʼani gyeeɛ.”

57Yudafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Wonnii mfeɛ aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?”

58Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.” 59Yudafoɔ no tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no, nanso Yesu kɔhintaeɛ. Yei akyi no, ɔfirii asɔredan no mu hɔ kɔeɛ.

New International Reader’s Version

John 8:1-59

1But Jesus went to the Mount of Olives.

2At sunrise he arrived again in the temple courtyard. All the people gathered around him there. He sat down to teach them. 3The teachers of the law and the Pharisees brought in a woman. She had been caught committing adultery. They made her stand in front of the group. 4They said to Jesus, “Teacher, this woman was caught sleeping with a man who was not her husband. 5In the Law, Moses commanded us to kill such women by throwing stones at them. Now what do you say?” 6They were trying to trap Jesus with that question. They wanted to have a reason to bring charges against him.

But Jesus bent down and started to write on the ground with his finger. 7They kept asking him questions. So he stood up and said to them, “Has any one of you not sinned? Then you be the first to throw a stone at her.” 8He bent down again and wrote on the ground.

9Those who heard what he had said began to go away. They left one at a time, the older ones first. Soon only Jesus was left. The woman was still standing there. 10Jesus stood up and asked her, “Woman, where are they? Hasn’t anyone found you guilty?”

11“No one, sir,” she said.

“Then I don’t find you guilty either,” Jesus said. “Go now and leave your life of sin.”

Challenge to What Jesus Says About Himself

12Jesus spoke to the people again. He said, “I am the light of the world. Anyone who follows me will never walk in darkness. They will have that light. They will have life.”

13The Pharisees argued with him. “Here you are,” they said, “appearing as your own witness. But your witness does not count.”

14Jesus answered, “Even if I am a witness about myself, what I say does count. I know where I came from. And I know where I am going. But you have no idea where I come from or where I am going. 15You judge by human standards. I don’t judge anyone. 16But if I do judge, what I decide is true. This is because I am not alone. I stand with the Father, who sent me. 17Your own Law says that the witness of two people proves the truth about something. 18I am a witness about myself. The other witness about me is the Father, who sent me.”

19Then they asked him, “Where is your father?”

“You do not know me or my Father,” Jesus replied. “If you knew me, you would know my Father also.” 20He spoke these words while he was teaching in the temple courtyard. He was near the place where the offerings were put. But no one arrested him. That’s because the time for him to die had not yet come.

Challenge to Who Jesus Claims to Be

21Once more Jesus said to them, “I am going away. You will look for me, and you will die in your sin. You can’t come where I am going.”

22This made the Jews ask, “Will he kill himself? Is that why he says, ‘You can’t come where I am going’?”

23But Jesus said, “You are from below. I am from heaven. You are from this world. I am not from this world. 24I told you that you would die in your sins. This will happen if you don’t believe that I am he. If you don’t believe, you will certainly die in your sins.”

25“Who are you?” they asked.

“Just what I have been telling you from the beginning,” Jesus replied. 26“I have a lot to say that will judge you. But the one who sent me can be trusted. And I tell the world what I have heard from him.”

27They did not understand that Jesus was telling them about his Father. 28So Jesus said, “You will lift up the Son of Man. Then you will know that I am he. You will also know that I do nothing on my own. I speak just what the Father has taught me. 29The one who sent me is with me. He has not left me alone, because I always do what pleases him.” 30Even while Jesus was speaking, many people believed in him.

Challenge to the Claim to Be Children of Abraham

31Jesus spoke to the Jews who had believed him. “If you obey my teaching,” he said, “you are really my disciples. 32Then you will know the truth. And the truth will set you free.”

33They answered him, “We are Abraham’s children. We have never been slaves of anyone. So how can you say that we will be set free?”

34Jesus replied, “What I’m about to tell you is true. Everyone who sins is a slave of sin. 35A slave has no lasting place in the family. But a son belongs to the family forever. 36So if the Son of Man sets you free, you will really be free. 37I know that you are Abraham’s children. But you are looking for a way to kill me. You have no room for my word. 38I am telling you what I saw when I was with my Father. You are doing what you have heard from your father.”

39“Abraham is our father,” they answered.

Jesus said, “Are you really Abraham’s children? If you are, you will do what Abraham did. 40But you are looking for a way to kill me. I am a man who has told you the truth I heard from God. Abraham didn’t do the things you want to do. 41You are doing what your own father does.”

“We have the right to claim to be God’s children,” they objected. “The only Father we have is God himself.”

42Jesus said to them, “If God were your Father, you would love me. I have come here from God. I have not come on my own. God sent me. 43Why aren’t my words clear to you? Because you can’t really hear what I say. 44You belong to your father, the devil. You want to obey your father’s wishes. From the beginning, the devil was a murderer. He has never obeyed the truth. There is no truth in him. When he lies, he speaks his natural language. He does this because he is a liar. He is the father of lies. 45But because I tell the truth, you don’t believe me! 46Can any of you prove I am guilty of sinning? Am I not telling the truth? Then why don’t you believe me? 47Whoever belongs to God hears what God says. The reason you don’t hear is that you don’t belong to God.”

Jesus Makes Claims About Himself

48The Jews answered Jesus, “Aren’t we right when we say you are a Samaritan? Aren’t you controlled by a demon?”

49“I am not controlled by a demon,” said Jesus. “I honor my Father. You do not honor me. 50I am not seeking glory for myself. But there is one who brings glory to me. He is the judge. 51What I’m about to tell you is true. Whoever obeys my word will never die.”

52Then they cried out, “Now we know you are controlled by a demon! Abraham died. So did the prophets. But you say that whoever obeys your word will never die. 53Are you greater than our father Abraham? He died. So did the prophets. Who do you think you are?”

54Jesus replied, “If I bring glory to myself, my glory means nothing. You claim that my Father is your God. He is the one who brings glory to me. 55You do not know him. But I know him. If I said I did not, I would be a liar like you. But I do know him. And I obey his word. 56Your father Abraham was filled with joy at the thought of seeing my day. He saw it and was glad.”

57“You are not even 50 years old,” they said to Jesus. “And you have seen Abraham?”

58“What I’m about to tell you is true,” Jesus answered. “Before Abraham was born, I am!” 59When he said this, they picked up stones to kill him. But Jesus hid himself. He slipped away from the temple area.