Asomafoɔ 1 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 1:1-26

Asafo No Asehyɛ

1Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ 2kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 3Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. 4Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. 5Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

Yesu Sorokɔ

6Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”

7Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. 8Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”

9Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.

10Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, 11kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.”

Wɔyi Matia Sɛ Yuda Nanmusini

12Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne:

Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;

Filipo, Toma,

Bartolomeo, Mateo,

Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

14Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ.

15Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ: 16Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.

18(Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. 19Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.)

20Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ,

“ ‘Ne efie nna mpan,

na ne som adwuma no, obi mfa.’

21Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, 22firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.”

23Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia. 24Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no, 25sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.” 26Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

New International Reader’s Version

Acts 1:1-26

Jesus Is Taken Up Into Heaven

1Theophilus, I wrote about Jesus in my earlier book. I wrote about all he did and taught 2until the day he was taken up to heaven. Before Jesus left, he gave orders to the apostles he had chosen. He did this through the Holy Spirit. 3After his suffering and death, he appeared to them. In many ways he proved that he was alive. He appeared to them over a period of 40 days. During that time he spoke about God’s kingdom. 4One day Jesus was eating with them. He gave them a command. “Do not leave Jerusalem,” he said. “Wait for the gift my Father promised. You have heard me talk about it. 5John baptized with water. But in a few days you will be baptized with the Holy Spirit.”

6Then the apostles gathered around Jesus and asked him a question. “Lord,” they said, “are you going to give the kingdom back to Israel now?”

7He said to them, “You should not be concerned about times or dates. The Father has set them by his own authority. 8But you will receive power when the Holy Spirit comes on you. Then you will tell people about me in Jerusalem, and in all Judea and Samaria. And you will even tell other people about me from one end of the earth to the other.”

9After Jesus said this, he was taken up to heaven. The apostles watched until a cloud hid him from their sight.

10While he was going up, they kept on looking at the sky. Suddenly two men dressed in white clothing stood beside them. 11“Men of Galilee,” they said, “why do you stand here looking at the sky? Jesus has been taken away from you into heaven. But he will come back in the same way you saw him go.”

Matthias Is Chosen to Take the Place of Judas Iscariot

12The apostles returned to Jerusalem from the hill called the Mount of Olives. It is just over half a mile from the city. 13When they arrived, they went upstairs to the room where they were staying. Here is a list of those who were there.

Peter, John, James and Andrew,

Philip and Thomas,

Bartholomew and Matthew,

James son of Alphaeus, Simon the Zealot and Judas son of James

14They all came together regularly to pray. The women joined them too. So did Jesus’ mother Mary and his brothers.

15In those days Peter stood up among the believers. About 120 of them were there. 16Peter said, “Brothers and sisters, a long time ago the Holy Spirit spoke through David. He spoke about Judas Iscariot. What the Scripture said would happen had to come true. Judas was the guide for the men who arrested Jesus. 17But Judas was one of us. He shared with us in our work for God.”

18Judas bought a field with the payment he received for the evil thing he had done. He fell down headfirst in the field. His body burst open. All his insides spilled out. 19Everyone in Jerusalem heard about this. So they called that field Akeldama. In their language, Akeldama means the Field of Blood.

20Peter said, “Here is what is written in the Book of Psalms. It says,

“ ‘May his home be deserted.

May no one live in it.’ (Psalm 69:25)

The Psalms also say,

“ ‘Let someone else take his place as leader.’ (Psalm 109:8)

21So we need to choose someone to take his place. It will have to be a man who was with us the whole time the Lord Jesus was living among us. 22That time began when John was baptizing. It ended when Jesus was taken up from us. The one we choose must join us in telling people that Jesus rose from the dead.”

23So they suggested the names of two men. One was Joseph, who was called Barsabbas. He was also called Justus. The other man was Matthias. 24Then the believers prayed. They said, “Lord, you know everyone’s heart. Show us which of these two you have chosen. 25Show us who should take the place of Judas as an apostle. He gave up being an apostle to go where he belongs.” 26Then they cast lots. Matthias was chosen. So he was added to the 11 apostles.