Yeremia 17 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 17:1-27

1“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne,

dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ,

wɔ wɔn akoma apono so

ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so.

2Mpo, wɔn mma kae

wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia

a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn

ne nkokoɔ atentene no so.

3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so

ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa,

mede bɛma sɛ afodeɛ,

ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,

ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.

4Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere

agyapadeɛ17.4 agyapadeɛ—Kanaan asase. a mede maa mo no.

Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ

wɔ asase a monnim soɔ so,

ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo,

na ɛbɛtena hɔ daa.”

5Sei na Awurade seɛ,

“Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so,

deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden

na nʼakoma dane firi Awurade ho.

6Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so;

sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu,

ɔbɛtena anweatam a awoɔ so,

ne nkyene asase a obi nte soɔ so.

7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,

na nʼanidasoɔ wɔ ne mu.

8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho

na ne nhini tene kɔ nsuo no mu.

Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro;

ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa.

Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu

na ɛkɔ so so aba daa.”

9Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa

na ano nni aduro.

Hwan na ɔbɛte nʼase?

10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu

na mehwehwɛ adwene mu,

gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.”

11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no,

saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ.

Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu,

na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.

12Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no,

ɛhɔ na yɛsom.

13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,

wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu.

Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn

ɛfiri sɛ wɔagya Awurade

a ɔyɛ nkwa asutire.

14Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;

gye me na mɛnya nkwa,

na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.

15Wɔbisa me daa sɛ,

“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?

Ma ɛmmra mu seesei!”

16Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;

wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da.

Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.

17Nhunahuna me;

wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da.

18Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase,

na yi me firi ahohora mu.

Ma wɔn mmɔ hu,

nanso mma me bo ntu.

Ma amanehunu da no mmra wɔn so;

fa ɔhawprenu sɛe wɔn.

Monyɛ Homeda No Kronkron

19Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano. 20Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu. 21Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu. 22Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no. 23Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ. 24Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, 25ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. 26Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie. 27Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”

Het Boek

Jeremia 17:1-27

Jeremia waarschuwt het volk

1‘De mensen van Juda zondigen alsof het een bevel is, alsof het kwaad een wet is die met een diamanten stift in hun stenen harten en op hun altaren is gegraveerd. 2-3 Zoals zij aan hun kinderen denken, denken zij aan hun altaren. Zij aanbidden afgoden onder elke boom, hoog op de heuvels en in het vlakke laagland. Daarom geef Ik al uw rijkdommen en voorraden aan uw vijanden, als een prijs die u moet betalen voor al uw zonden. 4De prachtige erfenis die Ik u heb gegeven, zult u weer moeten afstaan. Ik zal u als slaven wegsturen naar vijanden in verre, onbekende landen. Want u hebt het vuur van mijn toorn aangestoken en dat zal voor altijd blijven branden.’

5De Here zegt: ‘Vervloekt is de man die zijn vertrouwen stelt op sterfelijke mensen en zijn hart van God afkeert. 6Hij lijkt op een kale struik in de woestijn, zonder enige hoop voor de toekomst, hij staat op zoute grond in een barre wildernis waar geen mens woont. 7Maar gelukkig is de man die op de Here vertrouwt en al zijn geloof en hoop op Hem richt. 8Hij lijkt op een boom die aan een rivier staat, een boom die geen last heeft van de hitte en niet lijdt onder maandenlange droogte. Zijn bladeren blijven groen en hij blijft vrucht dragen. 9Het hart is het meest bedrieglijke ding dat bestaat. Het is door en door slecht. Niemand kan ooit precies weten hoe slecht het is! 10Behalve Ik, de Here! Ik doorgrond alle harten en toets de meest verborgen gedachten, om zo ieder mens het loon te geven dat hij verdient, afhankelijk van zijn daden en levenswijze. 11Als een patrijs die eieren uitbroedt die zij niet zelf heeft gelegd, zo is de man die op oneerlijke manier rijk wordt. Vroeg of laat zal hij zijn rijkdom verliezen en zijn dood tegemoet gaan als een arme, oude dwaas.’

12Maar onze toevlucht is uw troon, eeuwig en hoog verheven in heerlijkheid. 13O Here, hoop van Israël, allen die zich van U afkeren, zullen voor schut gezet worden. Zij zijn tot verdwijnen gedoemd zoals letters geschreven in het zand, want zij hebben de Here, de fontein van levend water, verlaten.

14Here, alleen U kunt mij genezen, alleen U kunt mij redden en mijn lofprijzingen zijn voor U alleen. 15De mensen zeggen spottend tegen mij: ‘Wat zijn dat voor woorden van de Here, waarover u het steeds maar hebt? Als die dreigementen van u werkelijk van God afkomstig zijn, waarom komen ze dan niet uit?’ 16Ik heb niet verzuimd hun herder te zijn. U weet dat ik niet verlangd heb naar de dag van het oordeel. U weet wat ik gezegd heb, U kent al mijn woorden. 17Here, U wilt mij toch niet afschrikken? U bent toch mijn toevlucht wanneer ze mij in het nauw drijven? 18Breng verwarring en moeilijkheden over allen die mij vervolgen, maar geef mij vrede. Ja, breng een dubbele vernietiging over hen! 19Toen zei de Here tegen mij: ‘Ga bij de poorten van Jeruzalem staan, het eerst bij die waardoor de koning naar buiten gaat en dan bij elk van de andere poorten. 20Zeg tegen ieder die langskomt: luister naar het woord van de Here, koningen van Juda en inwoners van dit land en van de stad Jeruzalem.’ 21-22 De Here zegt: ‘Luister naar deze waarschuwingen, zodat u in leven zult blijven. Werk niet op de sabbat, maar maak er een heilige dag van. Ik gaf uw voorouders dit gebod, 23maar zij weigerden te luisteren en te gehoorzamen. Koppig weigerden zij er aandacht aan te besteden. Zij wilden niet worden onderwezen. 24Maar als u Mij gehoorzaamt en weigert op de sabbat vracht te vervoeren door de poorten van deze stad en de sabbat in ere houdt als speciale, heilige dag, 25dan zal dit volk tot in eeuwigheid blijven bestaan. Onafgebroken zullen afstammelingen van David op de troon in Jeruzalem zitten en door deze poorten in- en uitgaan. Altijd zullen er koningen en prinsen met pracht en praal onder uw mensen rondrijden en deze stad zal voor altijd blijven bestaan. 26Uit de wijde omgeving van Jeruzalem, uit de steden van Juda en Benjamin, vanuit het heuvelland, de Negev en de laagvlakten ten westen van Juda zullen de mensen met hun brandoffers, vredeoffers, graanoffers en reukwerk hier naar toe komen om de Here in zijn tempel te prijzen. 27Maar als u niet naar Mij luistert en weigert de sabbat heilig te houden en—net als op de andere dagen—ladingen koopwaar door deze poorten van Jeruzalem blijft brengen, dan zal Ik deze poorten in brand zetten. Het vuur zal zich uitbreiden tot aan de paleizen en die totaal verwoesten, en niemand zal het blussen.’