Yeremia 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 11:1-23

Wɔabu Apam No So

1Asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2“Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so, 4deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.’ Mekaa sɛ, ‘Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. 5Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom sɛ, mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no aba mu,’ asase mote so ɛnnɛ yi.”

Mebuaa sɛ, “Amen, Awurade.”

6Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so. 7Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.” 8Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’ ”

9Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam. 10Wɔasane kɔ wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so. 11Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom sɛ, wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so. 12Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’

14“Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so.

15“Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu

ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no?

Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa?

Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a

na wʼani agye.”

16Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm

a ɛso aba a ɛyɛ fɛ.

Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ

bɛto mu ogya,

na ne mman bɛbubu.

17Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal.

Yeremia Tirisopam

18Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ,

“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;

momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so,

sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.”

20Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee

na wosɔ akoma ne adwene hwɛ,

ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,

na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

21Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,” 22Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa. 23Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔ wɔn asotwe afe mu.”