Yeremia 10 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 10:1-25

Onyankopɔn Ne Ahoni

1Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ. 2Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Monnsua amanaman no akwan

na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu.

Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu

3nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee;

wɔtwa dua firi kwaeɛm,

na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene.

4Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;

wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ

sɛdeɛ ɛrenhwe fam.

5Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu,

wɔn ahoni no ntumi nkasa;

ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn

ɛfiri sɛ wɔntumi nnante.

Monnsuro wɔn;

wɔrentumi nha mo

na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”

6Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade;

woyɛ kɛseɛ

na wo din wɔ tumi.

7Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni,

Ao, amansanhene?

Yei na ɛfata woɔ.

Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu

ne wɔn ahennie nyinaa mu,

obiara ne wo nsɛ.

8Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ;

dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.

9Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba

ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba.

Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ

a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no.

Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.

10Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no;

ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no.

Sɛ ne bo fu a, asase woso;

na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.

11“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”

12Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;

ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu

na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

13Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;

ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.

Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba

na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.

14Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;

sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.

Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;

wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.

15Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.

Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

16Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,

ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,

a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,

Asafo Awurade ne ne din.

Ɔsɛeɛ A Ɛreba

17Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,

mo a motete nkuro a wɔatua mu.

18Na yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a

wɔtete asase yi so atwene;

mede amanehunu bɛba wɔn so

sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.”

19Me pira yi enti mennue;

mʼapirakuro yɛ koankorɔ!

Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,

“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”

20Wɔasɛe me ntomadan;

wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu.

Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio;

anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan

anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.

21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.

Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan;

ɛno enti ɛnsi wɔn yie

na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.

22Montie! Amaneɛ no reba,

basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!

Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,

na ayɛ sakraman atuo.

Yeremia Mpaeɛbɔ

23Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea;

na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.

24Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu,

mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso

anyɛ saa a, mɛwu.

25Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman

a wɔnnye wo ntom no so,

nnipa a wɔmmɔ wo din no so.

Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob

wɔasɛe no koraa

na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.