Yakobo 5 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yakobo 5:1-20

Ahonya Ho Kɔkɔbɔ

1Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ wɔ amanehunu a ɛreba mo so ho. 2Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma. 3Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire no mu. 4Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu. 5Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da. 6Moabu deɛ ɔnni fɔ kumfɔ akum no; ɔnsi mo ɛkwan.

Boasetɔ Ne Mpaeɛbɔ

7Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ. 8Ɛsɛ sɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri sɛ, da a Awurade bɛba no abɛn. 9Anuanom, monnni nsekuro ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono no ano.

10Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no. 11Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

12Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.

13Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom. 14Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo. 15Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. 16Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree.

17Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa. 18Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.

19Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a, 20Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yakobo 5:1-20

Ahonya Ho Kɔkɔbɔ

1Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho. 2Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama. 3Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapade wɔ nna a edi akyiri no mu. 4Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu. 5Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da. 6Moabu nea ɔnnsɔre ntia mo no na onni fɔ no kumfɔ akum no.

Boasetɔ Ne Mpaebɔ

7Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere. 8Ɛsɛ sɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn. 9Anuanom, munnni nseku ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Otemmufo no gyina ɔpon no ano.

10Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no. 11Yɛde nidi ma wɔn, efisɛ wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no; efisɛ Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

12Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.

13Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu ana? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom. 14Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo. 15Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. 16Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.

17Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu sɛ osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ wɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa. 18Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu tɔ maa asase nyaa nnɔbae.

19Me nuanom, sɛ mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a, 20monkae sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛni fi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.