Yakobo 4 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yakobo 4:1-17

Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn

1Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no. 2Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn. 3Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ.

4Nnipa a monni gyidie! Monnim sɛ, sɛ mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ. 5Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa? 6Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”

7Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho. 8Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! 9Monni awerɛhoɔ, monsu, na montwa agyaadwoɔ; momma mo sereɛ nnane su, na mo anigyeɛ nnane awerɛhoɔ. 10Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmuo Ne Kɔkɔbɔ

11Me nuanom, monnnidi mo ho nsekuro. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu no atɛn no, kasa tia Mmara no. Na sɛ wobu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei deɛ wonni Mmara no so. 12Onyankopɔn nko na ɔma mmara na ɔbu atɛn. Ɔno nko na ɔgye nkwa na ɔsɛe. Wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa Ne Kɔkɔbɔ

13Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me. 14Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera. 15Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.” 16Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. 17Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yakobo 4:1-17

Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn

1Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. 2Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn. 3Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.

4Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a,4.4 Wɔn a wonni honhom mu nokware, wɔn a wɔdɔ wiase kyɛn Onyankopɔn no (2 Mose 34.15) na wobehu. na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo. 5Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana? 6Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se,

“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,

na ɔdom ahobrɛasefo.”

7Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. 8Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! 9Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow. 10Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmu Ho Kɔkɔbɔ

11Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so. 12Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ

13Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me. 14Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera. 15Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” 16Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. 17Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.