Sefania 3 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sefania 3:1-20

Yerusalem Daakye

1Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn

atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!

2Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara

ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu.

Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.

3Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,

ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.

4Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;

wɔyɛ afatwafoɔ.

Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.

Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

5Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;

ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.

Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,

na ɔnni hwammɔ da,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.

6“Masɛe amanaman;

madwiri wɔn abandenden agu.

Wɔn mmorɔno so adeda mpan,

a obiara ntwa mu hɔ.

Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;

a obi biara renka.

7Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,

‘ampa ara wobɛsuro me

na woagye nteɛsoɔ ato mu!’

Na afei ne tenaberɛ rensɛe,

na mʼasotwe biara nso remma ne so.

Nanso, wɔn ho peree wɔn

sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.

8Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ.

Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

ne ahennie ano

na mahwie mʼabufuo agu wɔn so

mʼabufuhyeɛ nyinaa.

Me ninkuntwe abufuo ogya mu no,

asase nyinaa bɛhye.

9“Afei mɛdwira nnipa no ano,

na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

na wɔaka abɔ mu asom no.

10Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no

bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa

de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.

11Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,

ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,

wɔn a wodi ahantan mu ahurisie

na worenyɛ ahantan bio

wɔ me bepɔ kronkron no so.

12Nanso mɛgya wɔ wo mu

wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

na wɔde wɔn ho to Awurade so.

13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne

Wɔrenka nkontonpo nsɛm,

na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm

wɔbɛdidi na wɔada

na obiara renyi wɔn hu.”

14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;

team denden Ao, Israel!

Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,

Ao, Ɔbabaa Yerusalem!

15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,

wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.

Awurade Israelhene ka wo ho;

worensuro ɔhaw biara bio.

16Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,

“Mma nsuro, Ao Sion!

Mma wo nsa mu nhodwo.

17Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.

Nʼani bɛgye wo ho

ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,

ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.

18“Mo awerɛhoɔ to bɛtwa

ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no;

mo anim rengu ase bio.

19Saa ɛberɛ no me ne wɔn

a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi;

Mɛgye mmerɛyɛfoɔ

na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam

asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.

20Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano,

na mede wo aba fie.

Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo

wɔ asase so nnipa nyinaa mu

na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo

na wode wʼani bɛhunu,”

sɛdeɛ Awurade ka nie.

Japanese Contemporary Bible

ゼパニヤ書 3:1-20

3

1罪と汚れに満ちたエルサレム、

暴力と犯罪の町は災いだ。

2おごり高ぶって、神の声にさえ耳を貸そうとしない。

だれもこの町と話ができない。

あらゆる懲らしめを拒んでいるからだ。

主に信頼せず、神を求めようとしない。

3エルサレムの指導者たちは、

獲物を求めてほえるライオンのようだ。

手に入れることができるなら、

どんなものでもねらっている。

裁判官たちは日暮れの飢えた狼のようだ。

明け方には、獲物の痕跡を残さない。

4エルサレムの預言者たちは

自分の利得を求める偽り者だ。

祭司たちは律法に背いて、神殿を汚している。

5しかし、主はそんな町の中にいても不正を行わない。

日に日に神の正義が明らかになる。

ところが、だれも注意を払わない。

悪者たちは恥知らずだ。

6「わたしは多くの国を切り捨て、

その全領域を荒廃させた。

通りは荒れはてて静まり返り、町々は、

何が起こったかを思い出す者は

一人も残らないまま見捨てられた。

7わたしは思った。

『今こそ、彼らはわたしの言うことを聞くだろう。

確かにわたしの警告に耳を傾けるから、

二度と打つ必要はない』と。

ところが、そうではなかった。

どんなに罰しても、夜明けから夕暮れまで、

夕暮れから夜明けまで、悪を行っている。」

8それでも、主はこうお語りになる。

「もう少しの我慢だ。

悪に染まったこの国々を告発するために

わたしが立ち上がる時が、すぐにくる。

地上の国々を一つに集め、

最も激しい怒りと憤りを下すと決めている。

全地は、わたしのねたみの炎で焼き尽くされる。

イスラエルの残りの者の回復

9その時、戻って来るわたしの民の語ることばを

純粋なヘブル語に変え、

全員が共に主を礼拝できるようにする。

10散らされたわたしの民で

エチオピヤの川の向こうのスーダンに住んでいる者も、

ささげ物を携えて来て、

もう一度彼らの神になってくれるよう、わたしに願う。

11その時あなたは、

もうわたしに反逆しないので、恥じ入る必要はない。

あなたの中から、

高ぶっている横柄な人々を取り除く。

わたしの聖なる山に、

おごり高ぶる者は一人もいなくなる。

12残された者は貧しく謙遜な人々で、主の名に信頼する。

13罪を犯さず、偽りを言わず、欺くこともない。

静かで平和な生活を送り、安らかに眠りにつく。

だれにも脅やかされることがない。」

14シオンの娘よ、歌え。イスラエルよ、叫べ。

エルサレムの娘よ、心から喜び楽しめ。

15神はさばきの手を引っ込め、

あなたの敵の軍を追い散らすからだ。

イスラエルの王である主ご自身が、

あなたのうちに住む。

ついにあなたの苦しみは終わる。

もう恐れる必要はない。

16その日、エルサレムに告げ知らされる。

「元気を出せ。恐れるな。

17-18あなたの神、主が、

あなたのうちに住むために到着したからだ。

この方は力ある救い主で、勝利をお与えになる。

あなたのことをことのほか喜ぶ。

あなたを愛し、責めることはなさらない。」

聞こえてくるのは、

喜びにあふれた聖歌隊の歌声だろうか。

いや、神が、あなたがたのことを喜び、

歌っているのだ。

「わたしは傷ついた者を集め、あなたの恥を取り去ろう。

19また、あなたを虐げた者をきびしく扱おう。

頼る相手のいない弱い者を救い、

追い払われた者を集めよう。

捕囚としてあざけられ、

辱めを受けたわたしの民に誉れを与えよう。

20その時、わたしはあなたがたを呼び集め、連れ戻そう。

そして、全地のあらゆる国民の間で抜きん出た、

りっぱな名を授けよう。

あなたがたの目の前で、あなたがたを元どおり繁栄させる時、

彼らはあなたがたを称賛する。」

このように主が言う。