Sefania 2 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sefania 2:1-15

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

Ao, animguaseɛ ɔman,

2ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,

na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,

ansa na Awurade abufuhyeɛ no

aba mo so,

ansa na Awurade abufuo ɛda no

aba mo so.

3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,

mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.

Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;

ebia ɔbɛkora mo

Awurade abufuo ɛda no.

Atemmuo A Ɛtia Filistia

4Wɔbɛgya Gasa

na wɔagya Askelon sɛ kurofo.

Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam

na wɔatutu Ekron ase.

5Monnue mo a mote mpoano,

Ao, mo Keretifoɔ;

Awurade asɛm tia mo.

Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.

Mɛtɔre mo ase,

na obiara renka.

6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ

bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ

ne wɔn nnwammuo.

7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;

ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.

Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ

Askelon afie mu.

Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

8“Mate Moab nsopa ne

Amonfoɔ atweetweɛ;

wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ

na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

9Enti, sɛ mete ase yi,”

sɛdeɛ Asafo Awurade,

Israel Onyankopɔn, seɛ nie,

“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,

baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,

asase a ɛda mpan afebɔɔ.

Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;

me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,

sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

11Awurade ho suro bɛba wɔn so

ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmuo A Ɛtia Kus

12“Mo Etiopiafoɔ nso,

mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

Atemmuo A Ɛtia Asiria

13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so

na wasɛe Asiria,

na wama Ninewe ada mpan koraa

na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.

14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,

mmoadoma nyinaa.

Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma

bɛtena nʼadum no so.

Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,

mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,

mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

15Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie

na ɛte asomdwoeɛ mu.

Ɔhoahoa ne ho sɛ,

“Me ne no, obiara nte sɛ me.”

Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,

na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!

Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,

hugya ne nsa fɛdie so.

Japanese Contemporary Bible

ゼパニヤ書 2:1-15

2

諸国と共にさばかれるユダとイスラエル

1集まって祈れ、恥知らずの民よ。

2まだ時間があるうちに。

さばきが始まり、

残された機会がもみがらのように吹き飛ばされる前に。

主の激しい怒りが襲いかかり、

御怒りの恐るべき日が始まる前に。

3謙遜な者たちよ、従おうと努力してきた者たちよ、

神に助けを請え。

謙遜に歩み、正しいことを行え。

そうすれば、その運命の日に

主に守ってもらえるかもしれない。

4ガザ、アシュケロン、アシュドデ、エクロン、

これらのペリシテ人の町も、根こそぎにされ、

荒れはてたままにされる。

5海岸とカナンの地に住むペリシテ人は災いだ。

さばきはおまえたちにも向けられているからだ。

主はおまえたちを一人残らず滅ぼしてしまう。

6海岸地帯は牧草地となり、羊飼いがテントを張り、

羊がたわむれるようになる。

7そこでは、わずかに生き残ったユダ部族が

家畜を放牧する。

彼らは、使われなくなったアシュケロンの家に

身を横たえて休む。

神である主が、ご自分の民を親しく訪れ、

元どおり繁栄させてくださるからだ。

8-9イスラエルの神、全能の主は言う。

「わたしは、モアブとアモンの民が

わたしの民をあざけり、この地を侵略した時の

ののしりを聞いた。

だから確実に、モアブとアモンは、

ソドムとゴモラのように滅ぼされ、

いら草が茂る所、塩の穴、永久に荒廃した地となる。

生き残ったわたしの民が、

そこを奪って自分のものにする。」

10彼らは高慢の報いを受ける。

全世界を支配する主の民をあざけったからだ。

11主は彼らをひどい目に会わせる。

外国の勢力の神々をことごとく餓死させ、

全世界ですべての人々が自分の住む地で

主を礼拝するようになる。

12エチオピヤ人よ。

おまえたちも主の剣で殺される。

13北の地も同様だ。

神はアッシリヤを滅ぼし、

その壮大な首都ニネベを荒野のような不毛の地にする。

14あの隆盛を誇っていた町は羊の牧草地となる。

あらゆる野の獣がそこに住みつく。

針ねずみは巣穴を掘り、はげたかやふくろうは

宮殿の廃墟に住み、破れた窓で鳴く。

からすは扉のところで鳴く。

高価な杉の羽目板も、風雨にさらされたままになる。

15これが、「世界中で自分ほどすばらしい町はない」

と言って、安らかに暮らしていた、

あの広大で繁栄した都の運命だ。

しかし今、見るがいい。

荒れはて、動物の住みかとなってしまった。

そこを通る者はみなあざけるか、

とても信じられないといった顔で首を振る。