Sakaria 6 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 6:1-15

Nteaseɛnam Ɛnan

1Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ. 2Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no. 3Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den. 4Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Me wura, yeinom yɛ ɛdeɛn?”

5Ɔbɔfoɔ no buaa me sɛ, “Yeinom yɛ ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ. 6Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔeɛ fam; na deɛ apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafoɔ fam.”

7Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.

8Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.”

Yosua Ahenkyɛ

9Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ, 10“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie. 11Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no. 13Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’ 14Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ wɔ Awurade asɔredan mu. 15Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.”

Het Boek

Zacharia 6:1-15

Het visioen van de vier wagens

1Ik keek weer op en zag vier wagens die tussen twee bergen van koper uit kwamen. 2De eerste wagen werd getrokken door rode paarden, de tweede door zwarte, 3de derde door witte en voor de vierde waren gevlekte paarden gespannen. Het waren sterke paarden. 4‘Wat betekent dit allemaal?’ vroeg ik de engel. 5Hij antwoordde: ‘Dit zijn de vier hemelse geesten die voor de Here van de hele aarde staan. Zij trekken eropuit om de hun opgedragen taak te volbrengen. 6De wagen met de zwarte paarden gaat naar het noorden, die met de witte paarden zal hem daarheen volgen en de gevlekte paarden gaan naar het zuiden.’ 7De sterke paarden stonden te trappelen van ongeduld om te vertrekken. Zij verlangden ernaar de hele aarde te verkennen en daarom zei de Here: ‘Goed, ga maar. Doorkruis de hele aarde.’ En zij vertrokken meteen. 8Toen liet de Here mij bij Zich komen en zei: ‘De paarden die naar het noorden gingen, hebben daar mijn oordeel voltrokken en mijn Geest tot rust gebracht.’

Een kroon voor de hogepriester Jozua

9In een volgende boodschap zei de Here: 10-11 ‘Heldai, Tobia en Jedaja zullen giften van zilver en goud meebrengen van Joden die in Babylon in ballingschap leven. Breng hun op de dag van hun aankomst meteen een bezoek. Zij logeren in het huis van Josia, de zoon van Zefanja. Neem hun giften in ontvangst en maak er een kroon van zilver en goud van. Zet die kroon dan op het hoofd van de hogepriester Jozua, de zoon van Jozadak, 12en zeg tegen hem: “Dit zegt de Here van de hemelse legers: ‘U stelt de man voor die in de toekomst zal komen en Telg zal heten, die aan de stam zal uitbotten en de tempel van de Here bouwen. 13Hij zal niet alleen de tempel bouwen, maar ook een koninklijke titel dragen. Hij zal regeren als koning en als priester, in een volmaakte combinatie van beide!’ 14Geef daarna de kroon een plaats in de tempel van de Here, ter herinnering aan de gevers, Heldai, Tobia, Jedaja en ook Jozua. 15De eerste drie mannen, die uit zulke verre landen zijn gekomen, stellen de vele anderen voor die eens zullen komen uit verafgelegen gebieden om de tempel van de Here te herbouwen. Wanneer dat gebeurt, zult u weten dat de Here van de hemelse legers mij naar u heeft gestuurd. Maar dit alles zal alleen gebeuren als u precies de geboden van de Here, uw God, gehoorzaamt.” ’