Sakaria 5 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 5:1-11

Nwoma Mmobɔeɛ A Ɛtu

1Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu wɔ ewiem wɔ mʼanim! 2Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”

Mebuaa sɛ, “Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.”

3Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no. 4Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’ ”

Ɔbaa A Ɔte Kɛntɛn Mu

5Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.”

6Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?”

Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”

7Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ! 8Ɔkaa sɛ, “Yei yɛ atirimuɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so.

9Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.

10Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”

11Ɔbuaa sɛ, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na sɛ, wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa.”

Het Boek

Zacharia 5:1-11

De vliegende boekrol

1Ik keek weer op en zag een boekrol die door de lucht vloog. 2‘Wat ziet u?’ vroeg hij. ‘Een vliegende boekrol!’ antwoordde ik. ‘Van ongeveer negen meter lang en vier en een halve meter breed.’ 3‘Deze boekrol,’ zei hij, ‘bevat de woorden van Gods vervloeking die over het hele land gaan. Daarin staat dat iedereen die steelt of liegt, ter dood veroordeeld is.’ 4‘Met deze vervloeking tref Ik het huis van iedere dief of van ieder die vals zweert bij mijn naam,’ zegt de Here van de hemelse legers. ‘Mijn vloek zal op dat huis rusten en het volkomen vernietigen, met houtwerk, stenen en al.’

Het vliegende vat

5De engel die met mij sprak, kwam dichterbij en zei: ‘Kijk eens! Daar komt iets aanvliegen door de lucht!’ 6‘Wat is het?’ vroeg ik. Hij antwoordde: ‘Het is een groot vat, gevuld met de zonden uit het hele land.’ 7Toen werd het loden deksel van het vat opgelicht en ik zag er een vrouw in zitten. 8De engel zei: ‘Zij stelt de goddeloosheid voor.’ Hij duwde haar terug in het vat en liet het zware deksel weer vallen. 9Toen zag ik twee vrouwen die naar ons toe vlogen, met vleugels als van een ooievaar. Zij pakten het grote vat op en vlogen hoog in de lucht ermee weg. 10‘Waar brengen zij het vat naartoe?’ vroeg ik de engel. 11‘Naar Babel,’ antwoordde hij. ‘Daar bouwen ze een huis voor de vrouw en als dat klaar is, zal ze daar op een voetstuk gezet worden.’