Rut 4 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Rut 4:1-22

Boas Ware Rut

1Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kaa sɛ, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti, wɔtenaa ase.

2Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu sɛ wɔmmɛtena ase sɛ adansefoɔ. 3Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no sɛ, “Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. 4Mesusu sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa adansefoɔ yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri sɛ, sɛ woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ megye.”

Na ɔbarima no buaa sɛ, “Mɛgye.”

5Afei, Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”

6Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa sɛ, “Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri sɛ, ɛbɛha mʼagyapadeɛ. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”

7Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den. 8Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas sɛ, “Wo ara tɔ asase no.”

9Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ. 10Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no sɛ me yere. Ɛno enti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ.”

11Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea4.11 Israelfoɔ nyinaa ase firi Rahel ne Lea mu. Saa ara na Dawid ne Agyenkwa no yɛ Rut asefoɔ. a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse wɔ Efrata na woagye edin wɔ Betlehem. 12Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres4.12 Na Peres yɛ Boas aseni (Mat 1.3; Luk 3.33). a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”

Boas Asefoɔ

13Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.”

16Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.

18Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie:

Peres woo Hesron.

19Hesron woo Ram,

ɛnna Ram woo Aminadab.

20Aminadab woo Nahson,

ɛnna Nahson woo Salmon.

21Salmon woo Boas,

ɛnna Boas woo Obed.

22Obed woo Yisai,

ɛnna Yisai woo Dawid.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Rut 4:1-22

Boas Ware Rut

1Boas kɔɔ kurow no pon ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Bere a obusuani gyefo titiriw a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kae se, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti wɔtenaa ase.

2Na Boas frɛɛ kurow no mu ntuanofo du sɛ wɔmmɛtena ase sɛ nnansefo. 3Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefo titiriw no se, “Wunim Naomi a ofi Moab bae no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. 4Misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa nnansefo yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no mprempren ara, efisɛ sɛ woantumi annye a, me ne onipa a midi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ migye.”

Na ɔbarima no buae se, “Megye.”

5Afei, Boas ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wotɔ asase no fi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafo Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”

6Ɛhɔ ara na abusua mu gyefo titiriw no kae se, “Ɛno de, merentumi ntɔ asase no, efisɛ ɛbɛhaw mʼankasa mʼagyapade. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”

7Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den. 8Enti abusua gyefo titiriw no worɔw ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas se, “Wo ara tɔ asase no.”

9Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofo no ne dɔm a wɔatwa ahyia hɔ no se, “Nnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapade a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho nnansefo. 10Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafo no sɛ me yere. Ne saa nti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapade a ɛwɔ ne kurom ha nso. Nnɛ, mo nyinaa moyɛ nnansefo.”

11Afei, ntuanofo no ne ɔmanfo no nyinaa sɔre gyina kae se, “Yɛyɛ nnansefo! Awurade mmoa mma ɔbea a afei na ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea4.11 Israelfo nyinaa ase fi Rahel ne Lea mu. Saa ara na Dawid ne Agyenkwa no yɛ Rut asefo. a wɔn mu na Israel aman nyinaa fi no. Wobɛyɛ ɔkɛse wɔ Efrata na woagye din wɔ Betlehem. 12Na Awurade mfa ababaa yi so mma wo asefo a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres4.12 Na Peres yɛ Boas aseni (Mat 1.3; Luk 3.33). a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”

Boas Asefo

13Enti Boas waree Rut de no kɔɔ ne fi. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, “Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaabere mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Efisɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsen mmabarima ason ma wo no babarima.”

16Na Naomi faa akokoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, “Afei de Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.

18Tete agya Peres awo ntoatoaso ni:

Peres woo Hesron.

19Hesron woo Ram,

na Ram woo Aminadab.

20Aminadab woo Nahson,

na Nahson woo Salmon.

21Salmon woo Boas,

na Boas woo Obed.

22Obed woo Yisai,

na Yisai woo Dawid.