Nnwom 102 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 102:1-28

Dwom 102

Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ Awurade.

1Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ;

na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim.

2Mfa wʼanim nhinta me

ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu.

Brɛ wʼaso ase ma me;

na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.

3Me nkwa nna reyera te sɛ wisie;

me nnompe hyehye te sɛ egya.

4Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ;

na me kɔn nnɔ aduane.

5Mʼapinisie denden enti

maka honam ne nnompe.

6Mete sɛ ɛserɛ so patuo,

te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu.

7Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ

anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi.

8Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia.

Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome.

9Mede nsõ ayɛ mʼaduane

na mede nisuo fra me nsuo mu

10ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti,

woama me so, ayi me asi nkyɛn.

11Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum;

na mekusa sɛ ɛserɛ.

12Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;

na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

13Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ;

berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ;

ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.

14Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ;

ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.

15Amanaman no bɛsuro Awurade din;

asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.

16Awurade bɛkyekyere Sion bio,

na wapue wɔ nʼanimuonyam mu.

17Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ;

na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

18Montwerɛ yei mma nkyirimma,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;

19Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ;

ɔfiri soro hwɛɛ asase,

20sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie

na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”

21Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion

na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,

22ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ

bɛhyiam na wɔasom Awurade.

23Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini.

Ɔtwaa me nkwa nna so.

24Enti mekaa sɛ,

“Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;

wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

25Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

26Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtete te sɛ atadeɛ.

Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma

na wɔbɛto wɔn agu.

27Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,

na wo mfeɛ to rentwa da.

28Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;

na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.”