Nnwom 101 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 101:1-8

Dwom 101

Dawid Dwom.

1Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom;

Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.

2Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.

Dabɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede akoma a afɔdie nni mu

bɛnante me fie.

3Meremfa mʼani nsi

adeɛ a ɛyɛ tane biara so.

Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;

Me ne wɔn nni hwee yɛ.

4Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;

me ne bɔne nni hwee yɛ.

5Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,

ɔno na mɛsɛe;

deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,

ɔno na merennyegye ne so.

6Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so

na me ne wɔn atena;

deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,

ɔno na ɔbɛsom me.

7Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara

rentena me fie;

deɛ ɔtwa nkontompo no

rennyina mʼanim.

8Adekyeeɛ biara,

mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;

na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara

afiri Awurade kuropɔn mu.