Nnwom Mu Dwom 7 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 7:1-13

1Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,

Ao, ɔdehyeɛ babaa!

Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa,

odwumfoɔ nsa ano adwuma.

2Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa

a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara.

Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano

na sukooko atwa ho ahyia.

3Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu,

adabɔ mma ntafoɔ.

4Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.

Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ

a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn.

Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛkyerɛ Damasko no.

5Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ.

Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ;

wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.

6Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ,

wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka.

7Wo siberɛ te sɛ abɛ dua,

na wo nufu te sɛ aduaba siaka.

8Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no;

na masɔ nʼaba mu.”

Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka,

na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ.

9Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa.

Ababaawa:

Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee,

ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.

10Meyɛ me dɔfoɔ dea,

na nʼapɛdeɛ ne me.

11Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase,

ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako.

12Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛm

nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne,

sɛ nhyerɛnne no apaapae,

anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.

Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.

13Adasoa yi ne hwa,

na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano,

foforɔ ne dada,

a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.