Nnwom Mu Dwom 5 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 5:1-16

Aberanteɛ:

1Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;

maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano.

Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ;

manom me bobesa ne me nufosuo.

Nnamfonom:

Ao, nnamfonom, monnidi na monnom;

Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.

Ababaawa:

2Medaeɛ nanso mʼakoma anna.

Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu;

“Bue me, me nuabaa, me dɔ,

mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.

Obosuo afɔ me tirim,

anadwo mu bosuo afɔ me nwi.”

3Maworɔ mʼatadeɛ,

mensane mfa nhyɛ anaa?

Mahohoro me nan ase,

memma ho nyɛ fi bio anaa?

4Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no

mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.

5Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ,

na me nsa ho kurobo

ne me nsateaa ho aduhwam,

yɛɛ apratwom no ho.

6Mebue maa me dɔfoɔ no,

nanso na ɔkɔ.

Ne korɔ no maa me ho dwirii me.

Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara.

Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

7Awɛmfoɔ no hunuu me

ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu.

Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;

wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ

saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!

8Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo,

sɛ mohunu me dɔfoɔ no a,

asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?

Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.

Nnamfonom:

9Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,

mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a

enti wohyɛ yɛn sei?

Ababaawa:

10Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,

wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.

11Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;

ne tiri so nwi yɛ kuhaa,

na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.

12Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a

ɔgyina asuwa bi ho;

ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no,

na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.

13Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ.

Ɛho hwa te sɛ aduhwam.

Nʼanofafa te sɛ sukooko

a ɛsosɔ kurobo.

14Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa

a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu.

Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho

na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.

15Ne nan te sɛ abohemaa afadum a

ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so.

Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a

ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.

16Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;

ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.

Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie,

Ao, Yerusalem mmammaa.