Nnipa No Kɔtena Yerusalem
1Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara. 2Na ɔmanfoɔ no kamfoo obiara a ɔfiri ne pɛ mu sane kɔtenaa Yerusalem no.
3Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so, 4nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem.
Yuda abusuakuo mu nnipa no nie:
Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;
5Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.
6Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.
7Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie:
Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; 8na nʼakyiri no na Gabai ne Salai, ne abusuafoɔ ahankron aduonu nwɔtwe (928) ba.
9Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no.
10Asɔfoɔ no mu nnipa nie:
Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
11ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima, 12ne wɔn mfɛfoɔ aha nwɔtwe aduonu mmienu (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima 13ne ne mfɛfoɔ ahanu aduanan mmienu (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofoɔ. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima 14ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
15Lewifoɔ no nso nie:
Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
16ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so;
17Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaeɛbɔ buee aseda afɔdeɛ som ano;
Bakbukia a na ɔyɛ Matania abadiakyire ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
18Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan (284) na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu.
19Aponoanohwɛfoɔ no nie:
Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu (172) a na wɔwɛn wɔ apono no ano.
20Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ.
21Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so.
22Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. 23Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
24Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammuo mu.
25Yudafoɔ no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraaseɛ, Dibon ne ne nkuraaseɛ ne Yekabseel ne ne nkuraaseɛ. 26Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, 27Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa so, 28Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa so. 29Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, 30Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu.
31Benyamin nkurɔfoɔ no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa so. 32Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, 33Hasor, Rama, Gitaim, 34Hadid, Seboim, Nebalat, 35Lod, Ono ne Adwumfoɔ Bɔnhwa mu nso.
36Wɔmaa Lewifoɔ a na wɔtete Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuo no ho, ne wɔn tenaeɛ.
住在耶路撒冷的人
1民众的首领住在耶路撒冷。其余的人用抽签的方式抽出十分之一的人口住在圣城耶路撒冷,剩下的人则住在其他城邑。 2众人为所有自愿住在耶路撒冷的人祝福。
3-4以色列人、祭司、利未人、殿役和所罗门仆人的子孙住在犹大各城自己的家中,有些来自犹大和便雅悯的人住在耶路撒冷。以下是住在耶路撒冷的犹大省首领:
犹大人中有法勒斯的子孙、乌西雅的儿子亚他雅。乌西雅是撒迦利雅的儿子,撒迦利雅是亚玛利雅的儿子,亚玛利雅是示法提雅的儿子,示法提雅是玛勒列的儿子。 5此外还有巴录的儿子玛西雅。巴录是谷何西的儿子,谷何西是哈赛雅的儿子,哈赛雅是亚大雅的儿子,亚大雅是约雅立的儿子,约雅立是撒迦利雅的儿子,撒迦利雅是示罗尼的儿子。 6住在耶路撒冷的法勒斯的子孙共有四百六十八人,都是勇士。
7便雅悯人中有米书兰的儿子撒路。米书兰是约叶的儿子,约叶是毗大雅的儿子,毗大雅是歌赖雅的儿子,歌赖雅是玛西雅的儿子,玛西雅是以铁的儿子,以铁是耶筛亚的儿子。 8此外还有迦拜、撒来的子孙共九百二十八人。 9细基利的儿子约珥是他们的监督,哈西努亚的儿子犹大是耶路撒冷的副官。
10祭司中有雅斤,约雅立的儿子耶大雅, 11以及管理上帝殿的希勒迦的儿子西莱雅。希勒迦是米书兰的儿子,米书兰是撒督的儿子,撒督是米拉约的儿子,米拉约是亚希突的儿子; 12还有他们在殿里供职的弟兄八百二十二人;还有耶罗罕的儿子亚大雅,耶罗罕是毗拉利的儿子,毗拉利是暗洗的儿子,暗洗是撒迦利亚的儿子,撒迦利亚是巴施户珥的儿子,巴施户珥是玛基雅的儿子; 13还有他们做族长的弟兄二百四十二人;还有亚萨列的儿子亚玛帅,亚萨列是亚哈赛的儿子,亚哈赛是米实利末的儿子,米实利末是音麦的儿子; 14还有他们英勇的弟兄一百二十八人。他们的监督是哈基多琳的儿子撒巴第业。
15利未人中有哈述的儿子示玛雅。哈述是押利甘的儿子,押利甘是哈沙比雅的儿子,哈沙比雅是布尼的儿子。 16还有利未人的族长沙比太和约撒拔,他们负责上帝殿外面的事务。 17还有米迦的儿子玛他尼,他是带领祷告和赞美的。米迦是撒底的儿子,撒底是亚萨的儿子。还有他的助手玛他尼的弟兄八布迦。此外,还有沙姆亚的儿子押大。沙姆亚是加拉的儿子,加拉是耶杜顿的儿子。 18在圣城的利未人共有二百八十四名。
19殿门守卫有亚谷和达们,还有他们做殿门守卫的弟兄一百七十二人。 20其他以色列人、祭司和利未人住在犹大各城自己的地方。 21殿役住在俄斐勒,他们的首领是西哈和基斯帕。
22在耶路撒冷的利未人的监督是巴尼的儿子乌西,巴尼是哈沙比雅的儿子,哈沙比雅是玛他尼的儿子,玛他尼是米迦的儿子,乌西是亚萨的子孙,亚萨的子孙是负责圣殿事务的歌乐手。 23歌乐手每天应尽的责任由王决定。 24犹大的儿子谢拉的子孙、米示萨别的儿子毗他希雅帮助王处理民众的事务。
住在其他城邑的人
25至于村庄及其周围的田地,一些犹大人住在基列·亚巴、底本、叶甲薛和它们周围的村庄, 26耶书亚、摩拉大、伯·帕列、 27哈萨·书亚、别示巴和别示巴周围的村庄, 28洗革拉、米哥拿和米哥拿周围的村庄, 29音·临门、琐拉、耶末、 30撒挪亚、亚杜兰和它们周围的村庄,拉吉及其周围的田地,亚西加及其周围的村庄。他们居住的地方从别示巴一直延伸到欣嫩谷。
31便雅悯人住的地方由迦巴起直到密抹、亚雅、伯特利和伯特利周围的村庄, 32亚拿突、挪伯、亚南雅、 33夏琐、拉玛、基他音、 34哈迭、洗编、尼八拉、 35罗德、阿挪和匠人之谷。 36一些原本住在犹大的利未人被安顿在便雅悯。