Ɛster 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 1:1-22

Ɔhene Apontoɔ

1Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a ɔdii amantam ɔha aduonu nson so, firi India kɔsi Etiopia no ɛberɛ so. 2Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so. 3Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ. 4Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi. 5Yei nyinaa twaam no, ɔhene no too ɛpono sononko bi maa ahemfie hɔ asomfoɔ ne mpanimfoɔ nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi ɔketewa so. Ɛdii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfie adihɔ turo mu. 6Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so. 7Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwini ahodoɔ papa bi someeɛ, na adehyesa buu so hɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no. 8Nhyehyɛeɛ a na ɛwɔ asanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro deɛ ɔbɛtumi so. Nanso, wɔn a wɔbɛtumi anom no deɛ, wɔnomee sɛdeɛ wɔpɛ, ɛfiri sɛ, na ɔhene no aka akyerɛ ne fiefoɔ no sɛ, obiara bɛtumi anom sɛdeɛ ɔpɛ.

9Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu.

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti Adeɛ So

10Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ, 11wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara. 12Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma.

13Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo. 14Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu. 15Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”

16Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no sɛ, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmaa Wasti afom, na wafom ɔpanin biara ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ wʼahemman no mu nyinaa. 17Sɛ mmaa a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wɔbɛfiri aseɛ atwiri wɔn kununom. 18Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha.

19“Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no. 20Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”

21Ɔhene no ne nʼahenemma no faa no sɛ ɛyɛ adwene pa enti, wɔfaa Memukan afotuo no. 22Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 1:1-22

亚哈随鲁王大宴群臣

1亚哈随鲁在位期间,统治从印度古实的一百二十七个省。 2亚哈随鲁王在书珊城登基, 3他在执政第三年大宴群臣,波斯玛代的将领、各省的贵族和大臣都在场。 4整整一百八十天,他展示自己帝国的财富和王权的威荣。 5之后,他又一连七天在御花园宴请书珊城里所有的居民,无论尊卑。 6御花园里有白色的棉帐和蓝色的彩帐,用细麻绳和紫色绳系在大理石柱的银环上。有金银制成的床榻摆在各色斑岩、大理石、珍珠贝壳及其他贵重石头铺成的地上。 7饮酒用的是各式各样的金器皿,御酒大量供应,足显王的慷慨。 8喝酒有个规矩,不许勉强人,因为王吩咐过宫里所有的侍从,招待各人要随其所愿。 9瓦实提王后也在亚哈随鲁王的宫里设宴招待女宾。

瓦实提王后被废

10第七天,亚哈随鲁王喝得心中畅快,就吩咐在王身边服侍的米户幔比斯他哈波拿比革他亚拔他西达甲迦七位太监, 11去请瓦实提王后戴着后冠到王面前,向百姓和官员展现她的美貌,因为她非常美丽。 12瓦实提王后违抗太监所传的谕旨,拒绝前来,王非常生气,怒火中烧。

13王有事习惯征求通晓律例和法则之人的意见,于是他去问精通时务的哲士。 14那时,靠近王的有甲示拿示达押玛他他施斯米力玛西拿米姆干七位波斯玛代的大臣,他们常见王的面,在国中身居高位。 15王问他们:“瓦实提王后违抗太监所传的谕旨,按律该如何处置她?”

16米姆干当着王和大臣们的面说:“瓦实提王后不但冒犯了王,而且有害于举国的臣民。 17因为王后的事必传到所有妇女的耳中,致使她们藐视自己的丈夫,因为她们会说,‘亚哈随鲁王请瓦实提王后到他面前,她却不去。’ 18今天,波斯玛代的贵妇听到王后这事,也会如此对待王的大臣,藐视和恼怒之事必层出不穷。 19王若愿意,就请降旨不准瓦实提再到王面前,把她王后的位分赐给比她更好的女子,并将此谕旨写入波斯玛代的律法,永不更改。 20王的谕旨传遍王辽阔的国境后,所有的妇女,无论丈夫贵贱,都必尊重他们。”

21王和大臣们都赞同米姆干的建议,王便依照他的建议, 22用各省的文字和各族的语言写谕旨,通告各省,丈夫要做一家之主,说话有权柄。