Mmɛbusɛm 31 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 31:1-31

Ɔhene Lemuel Nsɛm

1Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:

2Ao me babarima, me yafunu ba,

Ao mebɔhyɛ ba,

3nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa31.3 Saa mmaa yi yɛ mmaa adwamanfoɔ a wɔwɔ ahemfie a wɔbɛtumi atwe ɔhene adwene afiri nʼadwuma so. ho,

wɔn a wɔgu ahemfo asu no.

4Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo;

asanom nyɛ mma ahemfo,

ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;

5sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka,

na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.

6Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe,

na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

7Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia

na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.

8Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho,

kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.

9Kasa na bu atɛntenenee;

kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.

Awieeɛ: Ɔyere A Ɔsom Bo

10Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?

Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.

11Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara

na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.

12Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,

ne nkwa nna nyinaa mu.

13Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.

14Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn,

ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.

15Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre;

ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

16Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ;

ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.

17Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;

nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

18Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ,

na ne kanea ɛnnum anadwo.

19Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

20Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ

na ne nsa so onibie so.

21Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho;

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.

22Ɔyɛ ne mpasotam;

na ɔfira nwera ne serekye ntoma.

23Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano,

baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.

24Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn,

na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.

25Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam;

na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

26Ɔkasa nyansa mu,

na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so

na ɔnnyegye aniha so.

28Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;

ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,

29“Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin,

na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”

30Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;

nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.

31Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no,

na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.