Mmɛbusɛm 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 3:1-35

Nyansa Ho Mfasoɔ Nkekaho

1Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

2na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree

na ɛde yiedie abrɛ wo.

3Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn

fa yane wo kɔn mu

twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

4Na wobɛnya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so

na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

6hunu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛtene wʼakwan.

7Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

8Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

9Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam,

ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

10na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

11Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,

12Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.

13Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,

onipa a ɔnya nteaseɛ,

14ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,

na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.

15Ne boɔ yɛ dene sene bota;

na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.

16Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17Nʼakwan yɛ ahomeka,

na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

18Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;

wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.

19Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,

na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.

20Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,

na omununkum nso tɔɔ bosuo.

21Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,

na mma ɛmfiri wʼani so;

22ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.

23Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan rensunti;

24sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bɛkum.

25Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,

26Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm

na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.

27Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.

28Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.

29Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

ɛberɛ a ɔne wo te yie.

30Mfa ɛso nto obi so kwa

ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.

31Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,

na mfa nʼakwan no mu biara,

32ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.

33Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,

na ɔhyira ɔteneneeni fie.

34Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

35Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,

nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.