Mmɛbusɛm 29 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 29:1-27

1Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no

wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.

2Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie;

sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.

3Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,

nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.

4Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ,

nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.

5Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no

sum ne nan afidie.

6Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,

nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.

7Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ,

nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.

8Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu,

nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.

9Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a,

ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.

10Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ,

na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.

11Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

12Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.

13Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.

14Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a,

nʼahennwa bɛtim hɔ daa.

15Ntenesoɔ abaa ma nyansa,

na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.

16Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so,

na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

17Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;

ɔbɛma wo ɔkra ani agye.

18Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa;

na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

19Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so,

ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.

20Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa?

Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.

21Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a,

awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.

22Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba,

na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.

23Onipa ahomasoɔ brɛ no ase,

nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.

24Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho.

Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.

25Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo,

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.

26Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa,

nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.

27Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ;

na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.