Mmɛbusɛm 19 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 19:1-29

1Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no

yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

2Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.

3Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,

nanso nʼakoma huru tia Awurade.

4Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;

nanso ohiani adamfo gya no hɔ.

5Adansekurumni bɛnya nʼakatua,

na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.

6Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn,

na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.

7Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no,

na saa ara na ne nnamfonom po no!

Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,

nanso ɔnhunu wɔn baabiara.

8Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra;

deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.

9Adansekurumni bɛnya asotwe,

na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.

10Akɛsesɛm mfata ɔkwasea,

anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!

11Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ;

sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.

12Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom,

na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.

13Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ,

ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.

14Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ,

na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.

15Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,

na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.

16Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban,

na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.

17Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade,

na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.

18Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.

19Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka;

sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.

20Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu,

na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.

21Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu,

nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.

22Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ;

ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

23Awurade suro kɔ nkwa mu;

na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.

24Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu

na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!

25Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;

ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.

26Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no

yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.

27Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a,

wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.

28Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw;

na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.

29Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ,

ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Мудрые изречения 19:1-29

1Лучше бедняк, чей путь беспорочен,

чем глупый с лукавой речью.

2Нехорошо усердие без знания,

а тот, кто спешит, оступится.

3Человек своей же глупостью губит себе жизнь,

а сердце его злится на Вечного.

4Богатство приводит много друзей,

а бедняка и друг его оставляет.

5Лживый свидетель не останется безнаказанным,

и лгун не уйдёт от расплаты.

6Многие заискивают перед правителем,

и дающему подарки – всякий друг.

7Бедняка ненавидят даже его родственники,

сколь же больше друзья его избегают!

Когда он зовёт их, нет их нигде.

8Приобретающий мудрость любит душу свою;

хранящий разум преуспеет.

9Лживый свидетель не останется безнаказанным,

и лгун погибнет.

10Не годится глупцу жить в роскоши,

а тем более рабу править князьями.

11Разум человека умеряет его гнев;

слава его – оставить оскорбление без внимания.

12Царский гнев львиному рёву подобен,

а милость его – как роса на траве.

13Глупый сын – гибель для отца,

а вздорная жена – несмолкающая капель.

14Дома и богатство – наследство от родителей,

а разумная жена – от Вечного.

15Леность наводит глубокий сон;

праздный будет ходить голодным.

16Исполняющий повеление бережёт свою жизнь,

а не думающий о своих путях – погибнет.

17Милосердный к бедным одалживает Вечному,

и Он наградит его за сделанное.

18Наказывай сына, пока есть надежда;

не делайся виновным в его гибели.

19Гневливый должен быть наказан;

если пожалеешь его, придётся наказывать его снова.

20Послушай совета и прими наставление,

чтобы со временем обрести мудрость.

21Много замыслов в сердце человека,

но исполнится только намерение Вечного.

22В человеке желанна верность19:22 Эти слова можно понимать двояко. Второе значение: «Жадность – позор человеку».;

лучше быть бедным, чем лгуном.

23Страх перед Вечным ведёт к жизни:

исполненный им спит спокойно,

и зло его не коснётся.

24Лентяй запускает руку в блюдо,

но ленится даже до рта донести.

25Накажи глумливого, и образумятся простаки;

укори разумного, и он усвоит знание.

26Обирающий отца и выгоняющий мать –

сын срамной и бесславный.

27Прекратив слушать наставления, сын мой,

ты от слов познания уклонишься.

28Негодный свидетель глумится над правосудием,

и уста нечестивого пожирают беззаконие.

29Уготованы наказания глумливым

и побои – спинам глупцов.