Mmɛbusɛm 18 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 18:1-24

1Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya;

na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.

2Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ

na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.

3Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,

na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.

4Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ,

na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.

5Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ

anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.

6Ɔkwasea ano de akasakasa ba

na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.

7Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ

na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.

8Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

9Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no

nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

10Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;

ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.

11Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban

wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.

12Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,

na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

13Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,

ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.

14Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu

na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?

15Nhunumu akoma nya nimdeɛ;

na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.

16Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma

na ɛde no ba atitire anim.

17Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,

kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.

18Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,

na ɛpata atamfoɔ.

19Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,

akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.

20Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.

21Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

22Deɛ wanya yere no anya adepa

na ɔnya adom firi Awurade hɔ.

23Ohiani srɛ ahummɔborɔ,

nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

24Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,

nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.