Mmɛbusɛm 12 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 12:1-28

1Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,

na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.

2Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu onifirani fɔ.

3Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.

4Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,

nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.

5Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,

na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.

6Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,

na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.

7Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,

nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.

8Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ

na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.

9Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,

sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.

10Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,

na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.

11Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,

na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.

12Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,

nanso ɔteneneeni ase dɔre.

13Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,

nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.

14Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma

sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,

na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

16Ɔkwasea bo nkyɛre fu,

nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

17Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,

na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.

18Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena

nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.

19Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,

na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.

20Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.

21Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,

nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.

22Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,

na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

23Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro

na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.

24Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,

nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.

27Onihafoɔ ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.

28Tenenee kwan mu wɔ nkwa;

na owuo nni saa ɛkwan no so.