Luka 7 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 7:1-50

Ɔsraani Panin Bi Gyidie

1Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu. 3Ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne ɔsomfoɔ no yadeɛ mma no. 4Wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panin no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa pa. 5Wɔkaa sɛ, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn ɔman na wasi hyiadan ama yɛn.” 6Yesu ne wɔn siim.

Wɔreyɛ aduru efie hɔ no, ɔsraani panin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu sɛ, “Awurade, nha wo ho, na mensɛ sɛ woba me fie. 7Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den. 8Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ, ‘Bra’ a, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ sɛ, ‘Yɛ yei’ a, ɔyɛ.”

9Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie sɛ saa ɔbarima yi da.” 10Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie hɔ no, wɔhunuu sɛ ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den.

Yesu Nyane Okunafoɔ Bi Ba Wɔ Nain

11Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ ne nnipakuo bi a wɔka ne ho no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi. 13Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su!”

14Yesu kɔsɔɔ efunu adaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn dea no gyinaeɛ. Ɔka kyerɛɛ owufoɔ no sɛ. “Aberanteɛ, mese wo sɛ, nyane!” 15Aberanteɛ no sɔre tenaa ase na ɔkasaeɛ. Afei, Yesu de no maa ne maame.

16Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu.” 17Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Yohane Osubɔni

18Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ. 19Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?”

20Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?”

21Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; ɔtuu ahonhommɔne na ɔmaa anifirafoɔ hunuu adeɛ. 22Yesu buaa wɔn sɛ. “Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ, mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ. 23Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.”

Yesu Di Yohane Ho Adanseɛ

24Yohane asuafoɔ no firii Yesu nkyɛn kɔeɛ no, Yesu dii Yohane ho adanseɛ kyerɛɛ nnipakuo no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mohunuiɛ? Ɛserɛ a mframa rehim no anaa? 25Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? 26Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. 27Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ,

“ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan,

ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’

28Meka kyerɛ mo sɛ onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!”

29Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30Na Farisifoɔ ne Mmaranimfoɔ no deɛ, wɔpoo Onyankopɔn asɛm enti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

31Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na menka mfa nnɛmmafoɔ yi ho; na ɛdeɛn ho na memfa wɔn ntoto? 32Wɔte sɛ mmɔfra bi a wɔregoro wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforɔ sɛ,

“ ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo,

nanso moansa;

Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo,

nanso moansu.’

33Yohane Osubɔni aba a ɔnnidi na ɔnnom nsã, nso mose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ 35Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn ɔbra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.”

Ɔbaa Debɔneyɛfoɔ Sra Yesu Aduhwam

36Farisini bi frɛɛ Yesu adidie ma ɔpenee so kɔeɛ. 37Ɔte hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔbu ɔbra bɔne wɔ kuro no mu tee ne nka no, ɔde aduhwam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. 38Ɔkotoo Yesu nan ase suiɛ, maa ne nisuo no fɔɔ Yesu nan ase. Afei, ɔde ne tirinwi pepaa nisuo no, sɔɔ ne nan de aduhwam no sraa ho.

39Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no hunuu deɛ ɔbaa no yɛeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifoɔ ampa ara a, anka ɔbɛhunu sɛ saa ɔbaa yi bu ɔbra bɔne.”

40Yesu hunuu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”

Simon nso ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka ɛ.”

41Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum. 42Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no enti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hwan na wogye di sɛ ɔbɛpɛ osikani no asɛm yie?”

43Simon buaa sɛ, “Megye di sɛ deɛ ɔde ne ka kɛseɛ kyɛɛ no no.”

Yesu kaa sɛ, “Woabua no yie.”

44Afei, Yesu danee nʼani kyerɛɛ ɔbaa no bisaa Simon sɛ, “Woahunu saa ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbaa yi de ne nisuo ahohoro me nan ase, asane de ne tirinwi apepa. 45Mebaeɛ yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbaa yi bɛtoo me wɔ ha yi, ɔnnyaee me nan mu sɔ. 46Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase. 47Yei enti mereka akyerɛ wo sɛ, deɛ ɔbaa yi ayɛ enti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, ɛfiri sɛ, wayi ɔdɔ kɛseɛ bi adi akyerɛ. Na deɛ wɔde ne bɔne a ɛsua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”

48Afei, Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

49Wɔn a ɔne wɔn te adidiiɛ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔtumi de bɔne kyɛ?”

50Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wo gyidie agye wo nkwa. Fa asomdwoeɛ kɔ.”

New International Reader’s Version

Luke 7:1-50

A Roman Commander Has Faith

1Jesus finished saying all these things to the people who were listening. Then he entered Capernaum. 2There the servant of a Roman commander was sick and about to die. His master thought highly of him. 3The commander heard about Jesus. So he sent some elders of the Jews to him. He told them to ask Jesus to come and heal his servant. 4They came to Jesus and begged him, “This man deserves to have you do this. 5He loves our nation and has built our synagogue.” 6So Jesus went with them.

When Jesus came near the house, the Roman commander sent friends to him. He told them to say, “Lord, don’t trouble yourself. I am not good enough to have you come into my house. 7That is why I did not even think I was fit to come to you. But just say the word, and my servant will be healed. 8I myself am a man who is under authority. And I have soldiers who obey my orders. I tell this one, ‘Go,’ and he goes. I tell that one, ‘Come,’ and he comes. I say to my servant, ‘Do this,’ and he does it.”

9When Jesus heard this, he was amazed at the commander. Jesus turned to the crowd that was following him. He said, “I tell you, even in Israel I have not found anyone whose faith is so strong.” 10Then the men who had been sent to Jesus returned to the house. They found that the servant was healed.

Jesus Raises a Widow’s Son From the Dead

11Some time later, Jesus went to a town called Nain. His disciples and a large crowd went along with him. 12He approached the town gate. Just then, a dead person was being carried out. He was the only son of his mother. She was a widow. A large crowd from the town was with her. 13When the Lord saw her, he felt sorry for her. So he said, “Don’t cry.”

14Then he went up and touched the coffin. Those carrying it stood still. Jesus said, “Young man, I say to you, get up!” 15The dead man sat up and began to talk. Then Jesus gave him back to his mother.

16The people were all filled with wonder and praised God. “A great prophet has appeared among us,” they said. “God has come to help his people.” 17This news about Jesus spread all through Judea and the whole country.

Jesus and John the Baptist

18John’s disciples told him about all these things. So he chose two of them. 19He sent them to the Lord. John told them to ask him, “Are you the one who is supposed to come? Or should we look for someone else?”

20The men came to Jesus. They said, “John the Baptist sent us to ask you, ‘Are you the one who is supposed to come? Or should we look for someone else?’ ”

21At that time Jesus healed many people. They had illnesses, sicknesses and evil spirits. He also gave sight to many who were blind. 22So Jesus replied to the messengers, “Go back to John. Tell him what you have seen and heard. Blind people receive sight. Disabled people walk. Those who have skin diseases are made ‘clean.’ Deaf people hear. Those who are dead are raised to life. And the good news is announced to those who are poor. 23Blessed is anyone who does not give up their faith because of me.”

24So John’s messengers left. Then Jesus began to speak to the crowd about John. He said, “What did you go out into the desert to see? Tall grass waving in the wind? 25If not, what did you go out to see? A man dressed in fine clothes? No. Those who wear fine clothes and have many expensive things are in palaces. 26Then what did you go out to see? A prophet? Yes, I tell you, and more than a prophet. 27He is the one written about in Scripture. It says,

“ ‘I will send my messenger ahead of you.

He will prepare your way for you.’ (Malachi 3:1)

28I tell you, no one more important than John has ever been born. But the least important person in God’s kingdom is more important than John is.”

29All the people who heard Jesus’ words agreed that God’s way was right. Even the tax collectors agreed. These people had all been baptized by John. 30But the Pharisees and the authorities on the law did not accept for themselves God’s purpose. So they had not been baptized by John.

31Jesus went on to say, “What can I compare today’s people to? What are they like? 32They are like children sitting in the market and calling out to each other. They say,

“ ‘We played the flute for you.

But you didn’t dance.

We sang a funeral song.

But you didn’t cry.’

33That is how it has been with John the Baptist. When he came to you, he didn’t eat bread or drink wine. And you say, ‘He has a demon.’ 34But when the Son of Man came, he ate and drank as you do. And you say, ‘This fellow is always eating and drinking far too much. He’s a friend of tax collectors and sinners.’ 35All who follow wisdom prove that wisdom is right.”

A Sinful Woman Pours Perfume on Jesus

36One of the Pharisees invited Jesus to have dinner with him. So he went to the Pharisee’s house. He took his place at the table. 37There was a woman in that town who had lived a sinful life. She learned that Jesus was eating at the Pharisee’s house. So she came there with a special jar of perfume. 38She stood behind Jesus and cried at his feet. And she began to wet his feet with her tears. Then she wiped them with her hair. She kissed them and poured perfume on them.

39The Pharisee who had invited Jesus saw this. He said to himself, “If this man were a prophet, he would know who is touching him. He would know what kind of woman she is. She is a sinner!”

40Jesus answered him, “Simon, I have something to tell you.”

“Tell me, teacher,” he said.

41“Two people owed money to a certain lender. One owed him 500 silver coins. The other owed him 50 silver coins. 42Neither of them had the money to pay him back. So he let them go without paying. Which of them will love him more?”

43Simon replied, “I suppose the one who owed the most money.”

“You are right,” Jesus said.

44Then he turned toward the woman. He said to Simon, “Do you see this woman? I came into your house. You did not give me any water to wash my feet. But she wet my feet with her tears and wiped them with her hair. 45You did not give me a kiss. But this woman has not stopped kissing my feet since I came in. 46You did not put any olive oil on my head. But she has poured this perfume on my feet. 47So I tell you this. Her many sins have been forgiven. She has shown that she understands this by her great acts of love. But whoever has been forgiven only a little loves only a little.”

48Then Jesus said to her, “Your sins are forgiven.”

49The other guests began to talk about this among themselves. They said, “Who is this who even forgives sins?”

50Jesus said to the woman, “Your faith has saved you. Go in peace.”