Luka 8 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 8:1-56

Mmaa A Wɔdii Yesu Akyiri

1Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.

Okuafoɔ Gu Aba

4Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, 5“Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ. 6Ebi nso kɔguu abotan so, enti ɛfifiriiɛ no, ankyɛre na ne nyinaa hyeeɛ, ɛfiri sɛ, annya nsuo. 7Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ. 8Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.”

Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

9Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, 10ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu,

“ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu

na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’

Abɛbuo No Asekyerɛ

11“Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ. 13Aba a ɛguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ sɔ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba. 14Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. 15Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.

Kanea Ho Ɛbɛ

16“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. 18Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”

Yesu Maame Ne Ne Nuanom

19Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. 20Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.

21Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”

Yesu Brɛ Mframa A Ɛyɛ Den Ase

22Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Wɔsiim a wɔrekɔ no, 23Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie.

24Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!”

Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne

26Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so. 27Yesu firii kodoɔ no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. 28Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.” 29Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na Yesu ateatea ahonhommɔne no sɛ wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wiram.

30Yesu bisaa no sɛ, “Wo din de sɛn?”

Ɔbuaa no sɛ, “Ɛdɔm.” Ɛfiri sɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. 31Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu.

32Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ.

34Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 35Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn. 36Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amaneɛ. 37Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa.

38Ansa na Yesu rebɛfiri hɔ no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, 39“Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa.

Yairo Babaa

40Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. 41Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.

Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.

45Yesu bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?”

Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”

46Yesu buaa no sɛ, “Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu.”

47Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.”

49Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”

50Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, “Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa.”

51Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu, ɔnwuiɛ na wada.”

53Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. 54Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɔre!” 55Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni. 56Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.

New International Reader’s Version

Luke 8:1-56

The Story of the Farmer

1After this, Jesus traveled around from one town and village to another. He announced the good news of God’s kingdom. His 12 disciples were with him. 2So were some women who had been healed of evil spirits and sicknesses. One was Mary Magdalene. Seven demons had come out of her. 3Another was Joanna, the wife of Chuza. He was the manager of Herod’s household. Susanna and many others were there also. These women were helping to support Jesus and the 12 disciples with their own money.

4A large crowd gathered together. People came to Jesus from town after town. As they did, he told a story. He said, 5“A farmer went out to plant his seed. He scattered the seed on the ground. Some fell on a path. People walked on it, and the birds ate it up. 6Some seed fell on rocky ground. When it grew, the plants dried up because they had no water. 7Other seed fell among thorns. The thorns grew up with it and crowded out the plants. 8Still other seed fell on good soil. It grew up and produced a crop 100 times more than the farmer planted.”

When Jesus said this, he called out, “Whoever has ears should listen.”

9His disciples asked him what the story meant. 10He said, “You have been given the chance to understand the secrets of God’s kingdom. But to outsiders I speak by using stories. In that way,

“ ‘They see, but they will not know what they are seeing.

They hear, but they will not understand what they are hearing.’ (Isaiah 6:9)

11“Here is what the story means. The seed is God’s message. 12The seed on the path stands for God’s message in the hearts of those who hear. But then the devil comes. He takes away the message from their hearts. He does it so they won’t believe. Then they can’t be saved. 13The seed on rocky ground stands for those who hear the message and receive it with joy. But they have no roots. They believe for a while. But when they are tested, they fall away from the faith. 14The seed that fell among thorns stands for those who hear the message. But as they go on their way, they are choked by life’s worries, riches and pleasures. So they do not reach full growth. 15But the seed on good soil stands for those with an honest and good heart. Those people hear the message. They keep it in their hearts. They remain faithful and produce a good crop.

A Lamp on a Stand

16“No one lights a lamp and then hides it in a clay jar or puts it under a bed. Instead, they put it on a stand. Then those who come in can see its light. 17What is hidden will be seen. And what is out of sight will be brought into the open and made known. 18So be careful how you listen. Whoever has something will be given more. Whoever has nothing, even what they think they have will be taken away from them.”

Jesus’ Mother and Brothers

19Jesus’ mother and brothers came to see him. But they could not get near him because of the crowd. 20Someone told him, “Your mother and brothers are standing outside. They want to see you.”

21He replied, “My mother and brothers are those who hear God’s word and do what it says.”

Jesus Calms the Storm

22One day Jesus said to his disciples, “Let’s go over to the other side of the lake.” So they got into a boat and left. 23As they sailed, Jesus fell asleep. A storm came down on the lake. It was so bad that the boat was about to sink. They were in great danger.

24The disciples went and woke Jesus up. They said, “Master! Master! We’re going to drown!”

He got up and ordered the wind and the huge waves to stop. The storm quieted down. It was completely calm. 25“Where is your faith?” he asked his disciples.

They were amazed and full of fear. They asked one another, “Who is this? He commands even the winds and the waves, and they obey him.”

Jesus Heals a Man Controlled by Demons

26Jesus and his disciples sailed to the area of the Gerasenes across the lake from Galilee. 27When Jesus stepped on shore, he was met by a man from the town. The man was controlled by demons. For a long time he had not worn clothes or lived in a house. He lived in the tombs. 28When he saw Jesus, he cried out and fell at his feet. He shouted at the top of his voice, “Jesus, Son of the Most High God, what do you want with me? I beg you, don’t hurt me!” 29This was because Jesus had commanded the evil spirit to come out of the man. Many times the spirit had taken hold of him. The man’s hands and feet were chained, and he was kept under guard. But he had broken his chains. And then the demon had forced him to go out into lonely places in the countryside.

30Jesus asked him, “What is your name?”

“Legion,” he replied, because many demons had gone into him. 31And they begged Jesus again and again not to order them to go into the Abyss.

32A large herd of pigs was feeding there on the hillside. The demons begged Jesus to let them go into the pigs. And he allowed it. 33When the demons came out of the man, they went into the pigs. Then the herd rushed down the steep bank. They ran into the lake and drowned.

34Those who were tending the pigs saw what had happened. They ran off and reported it in the town and countryside. 35The people went out to see what had happened. Then they came to Jesus. They found the man who was now free of the demons. He was sitting at Jesus’ feet. He was dressed and thinking clearly. All this made the people afraid. 36Those who had seen it told the others how the man who had been controlled by demons was now healed. 37Then all the people who lived in the area of the Gerasenes asked Jesus to leave them. They were filled with fear. So he got into the boat and left.

38The man who was now free of the demons begged to go with him. But Jesus sent him away. He said to him, 39“Return home and tell how much God has done for you.” So the man went away. He told people all over town how much Jesus had done for him.

Jesus Heals a Dead Girl and a Suffering Woman

40When Jesus returned, a crowd welcomed him. They were all expecting him. 41Then a man named Jairus came. He was a synagogue leader. He fell at Jesus’ feet and begged Jesus to come to his house. 42His only daughter was dying. She was about 12 years old. As Jesus was on his way, the crowds almost crushed him.

43A woman was there who had a sickness that made her bleed. Her sickness had lasted for 12 years. No one could heal her. 44She came up behind Jesus and touched the edge of his clothes. Right away her bleeding stopped.

45“Who touched me?” Jesus asked.

Everyone said they didn’t do it. Then Peter said, “Master, the people are crowding and pushing against you.”

46But Jesus said, “Someone touched me. I know that power has gone out from me.”

47The woman realized that people would notice her. Shaking with fear, she came and fell at his feet. In front of everyone, she told why she had touched him. She also told how she had been healed in an instant. 48Then he said to her, “Dear woman, your faith has healed you. Go in peace.”

49While Jesus was still speaking, someone came from the house of Jairus. Jairus was the synagogue leader. “Your daughter is dead,” the messenger said. “Don’t bother the teacher anymore.”

50Hearing this, Jesus said to Jairus, “Don’t be afraid. Just believe. She will be healed.”

51When he arrived at the house of Jairus, he did not let everyone go in with him. He took only Peter, John and James, and the child’s father and mother. 52During this time, all the people were crying and sobbing loudly over the child. “Stop crying!” Jesus said. “She is not dead. She is sleeping.”

53They laughed at him. They knew she was dead. 54But he took her by the hand and said, “My child, get up!” 55Her spirit returned, and right away she stood up. Then Jesus told them to give her something to eat. 56Her parents were amazed. But Jesus ordered them not to tell anyone what had happened.