Hosea 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 4:1-19

Wɔbɔ Israel Kwaadu

1Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ

ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ

mo a mote asase no so:

“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

2Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,

korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ

na moyɛ ma ɛtra so,

na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.

3Yei enti asase no di awerɛhoɔ

na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;

ewiram mmoa, ewiem nnomaa

ne ɛpo mu nam rewuwu.

4“Mma obiara mmɔ kwaadu,

mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.

Na mmom, mo asɔfoɔ

mo na me ne mo anya.

5Mosunti awia ne anadwo,

na adiyifoɔ no ne mo sunti.

Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.

6Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.

“Sɛ moapo nimdeɛ enti,

me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;

sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,

me nso mabu mʼani agu mo mma so.

7Asɔfoɔ no redɔɔso no

na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.

Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.

8Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho

ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.

9Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.

Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho

na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.

10“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.

Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,

ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,

de wɔn ho ama 11adwamammɔ,

nsã dada ne foforɔ,

a ɛma me nkurɔfoɔ

12nteaseɛ tu yera.

Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn

na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.

Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;

wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.

13Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi

na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:

odum, duafufuo ne odupɔn ase,

deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.

Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ

na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.

14“Merentwe mo mmammaa aso

sɛ wɔadane adwamanfoɔ,

anaa mo nsenom mmaa aso

sɛ wɔasɛe awadeɛ.

Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara.

Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ

di hwebom.

Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!

15“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel,

nanso, mma Yuda nni ho fɔ.

“Nkɔ Gilgal;

na ɛmforo nkɔ Bet Awen.

Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’

16Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ

te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ

ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so

sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?

17Efraim de ne ho abɔ ahoni;

Gyaa no!

18Sɛ wɔn nsã sa koraa a,

wɔtoa wɔn adwamammɔ so;

wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.

19Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ,

na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.