Hosea 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 3:1-5

Hosea Ne Ne Yere Nkabom

1Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.”

2Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no. 3Na meka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna.”

4Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ. 5Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.