Hosea 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 2:1-23

1“Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’ ”

Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio

2“Ka wo maame anim, ka nʼanim,

na ɔnnyɛ me yere

na mennyɛ ne kunu.

Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no

na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.

3Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma

na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no;

mɛma wayɛ sɛ anweatam,

mɛdane no asase a awo wesee

na mama osukɔm akum no.

4Merennɔ ne mma,

ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.

5Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ

na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu.

Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,

wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,

ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’

6Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan;

mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan.

7Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;

ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.

Afei, ɔbɛka sɛ,

‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,

ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’

8Ɔnnkae sɛ me na

memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,

deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so

ma wɔde kɔsom Baal no.

9“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,

ne me nsã foforɔ no nso saa ara.

Mɛgye me kuntu ne me nwera,

a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.

10Enti afei mɛbɔ no adagya

wɔ nʼadɔfoɔ anim;

obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.

11Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:

nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ

Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.

12Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,

deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;

mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,

ama wiram mmoa awe.

13Mɛtwe nʼaso wɔ nna a

ɔhyee aduhwam maa Baal no ho;

ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,

tu dii nʼadɔfoɔ akyi,

medeɛ ne werɛ firii me,”

deɛ Awurade seɛ nie.

14“Enti merekɔdaadaa no;

mede no bɛkɔ anweatam so

na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.

15Mɛsane de ne bobe mfuo ama no.

Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no,

anidasoɔ ɛkwan.

Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no

ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.

16“Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ,

“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;

na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.

17Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano;

na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

18Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,

wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa

ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.

Tadua, mpea ne ɔko,

mɛbra wɔ asase no so

sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.

19Mɛware wo afebɔɔ;

mɛyi tenenee ne atɛntenenee,

ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.

20Mɛware wo nokorɛ mu,

ama woahunu Awurade.

21“Saa ɛda no, mɛgye wo so,”

deɛ Awurade seɛ nie.

“Mɛgye ɔsoro so,

na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,

22na asase nso bɛgye mfudeɛ so:

bobe foforɔ ne ngo dua,

na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’.

23Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho;

mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no.

Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ

‘moyɛ me nkurɔfoɔ’,

na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”