Hesekiel 37 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 37:1-28

Bɔnhwa Mu Nnompe A Ɛho Akokwa

1Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom yii me firii adi de me bɛsii bɔnhwa no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. 2Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa. 3Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?”

Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.”

4Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm! 5Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa. 6Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ”

7Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. 8Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu.

9Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

11Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’ 12Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so. 13Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 14Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’ ”

Ɔman Baako A Ɛhyɛ Ɔhene Baako Ase

15Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16“Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’ 17Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.

18“Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’ 19ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ 20Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn 21na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so. 22Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu. 23Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn.

24“ ‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ. 25Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ. 26Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ. 27Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ. 28Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’ ”